Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Television Tumi Tete Mmofra?

So Television Tumi Tete Mmofra?

So Television Tumi Tete Mmofra?

ƐTƆ mmere bi a, ɛbɛyɛ te sɛ nea mfaso wɔ so sɛ wobɛma wo mma ahwɛ television de agyigye wɔn ani bere a woreyɛ wo nnwuma ahorow no. Nanso ɔkwan bɛn so na eyi betumi aka wo mma no?

The New York Times bɔ ammaneɛ sɛ, “nsɛm ne nneɛma a wɔhwɛ wɔ television so no betumi anya mmotafowa mpo so nkɛntɛnso.” Wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe nnansa yi ara mu no, woyii mmofra dodow bi a wɔadi afe sii hɔ yii television so dwumadi ahorow bi a ɔbea bi de agode dii dwuma wom kyerɛɛ wɔn. Times nsɛmma nhoma no kae sɛ, “bere a ɔbea no yɛɛ sɛ osuro agode no, mmofra no ampɛ sɛ wɔde bedi agoru na wɔn mu binom ho yeraa wɔn, ebinom nyinyaa wɔn anim, anaa wosui. Nanso sɛ ɔbea no kyerɛ agode no ho anigye a, nkokoaa no nso ani gye sɛ wɔde bedi agoru.”

Akyinnye biara nni ho sɛ television betumi anya nkokoaa so nkɛntɛnso. Na nkɛntɛnso a ebetumi anya wɔ mmofra so daakye no nso ɛ? Oduruyɛfo Naoki Kataoka a ɔyɛ mmofra ayarehwɛ mu ɔbenfo a ɔkyerɛ ade wɔ Kawasaki Medical College (Nnuruyɛfo Nteteebea) a ɛwɔ Kurashiki, Japan, no hyɛɛ biribi nsow wɔ mmofra a wɔmpɛ kasa na wɔn anim yɛ mmɔbɔmmɔbɔ no ho. Ohui sɛ na mmofra no nyinaa ahwɛ TV ne video so dwumadi bere tenten bi. Ná abarimaa bi a wadi mfe abien ntumi ne afoforo mmɔ nkɔmmɔ na na n’ano ntewee. Efi bere a odii afe no, ade a ɔyɛ daa ne sɛ ɔhwɛ video fi anɔpa kosi anwummere. Bere a abarimaa no maame dii oduruyɛfo no afotu akyi na ɔmaa abarimaa no gyaee video hwɛ na ɔne no dii agoru akyi no ansa na abarimaa no ano retew. Yiw, ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn mma di nkitaho.

Yehowa Nyankopɔn, abusua Hyehyɛfo no si hia a nkɔmmɔbɔ ho hia no so dua. Tete no, ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: ‘Wɔmfa Nyankopɔn asɛm nkyerɛkyerɛ wɔn mma yiye, na wɔnkasa ho, wɔn afitra mu ne wɔn kwan so nantew mu ne wɔn nna mu ne wɔn sɔre mu.’ (Deuteronomium 6:7) Ɛyɛ awofo na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhwɛso pa ma wɔn mma na wɔkyerɛkyerɛ mmofra no ɔkwampa ‘a wɔmfa so,’ na ɛnyɛ television.—Mmebusɛm 22:6.