Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Nea Ɛteɛ?
Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Nea Ɛteɛ?
ƆBARIMA nhomanimfo bi kae bere bi sɛ: “Ɔpɛ no de ɛwɔ hɔ, nanso tumi a mede bɛyɛ papa no nni hɔ. Na papa a mepɛ no, menyɛ, na bɔne a mempɛ no, ɛno mmom na meyɛ.” Dɛn nti na na ɛyɛ den ma ɔbarima yi sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Enti mihu mmara yi wɔ me ho: sɛ bere a mepɛ sɛ meyɛ nea ɛteɛ no, bɔne na ɛwɔ me ho. Na me mu de, m’ani gye Nyankopɔn mmara ho yiye, nanso mihu mmara foforo bi wɔ m’akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ m’akwaa mu no.”—Romafo 7:18, 19, 21-23.
Ɔsomafo Paulo nsɛm yi a ɔkyerɛw no bɛyɛ mfe 2000 a atwam ni no ma yehu nea enti a ɛyɛ den ma nnipa a wɔnyɛ pɛ sɛ wɔbɛyɛ nea ɛteɛ no! Egye animia ankasa na obi atumi ayɛ nea ɛteɛ bere a ɔwɔ ahokyere mu no. Enti ɛfata sɛ yebisa sɛ, Dɛn paa nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ?
Susuw nea Kyerɛwnsɛm no ka fa obi a ɔbɔ bra pa no daakye ho hwɛ. Yɛkenkan wɔ Dwom 37:37, 38 sɛ: “Kari onipa a ɔyɛ pɛ, na hwɛ nea ɔteɛ: sɛ saa onipa no awiei yɛ asomdwoe. Na mmaratofo de, wɔbɛsɛe wɔn nyinaa prɛko, abɔnefo ase de, wobegu.” Mmebusɛm 2:21, 22 nso ka sɛ: “Tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu; na wobegu abɔnefo ase afi asase so na wɔatu nkontompofo afi so.”
Ɛwom sɛ bɔhyɛ ahorow yi ne afoforo a ɛwɔ Bible mu no hyɛ yɛn nkuran ma yɛkɔ so yɛ nea ɛteɛ wɔ Onyankopɔn ani so de, nanso ɛnyɛ eyinom titiriw nti na yɛyɛ adetrenee. Nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ no yɛ asɛm bi a ɛfa abɔde a wɔwɔ nyansa nyinaa ho ankasa. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛkyerɛ asɛm ko ne sɛnea ɛfa yɛn ho no mu.