Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mary_Ukraine/stock.adobe.com

MONKƆ SO NWƐN!

Nkurɔfo Nnye Amanyɔfo Nni Bio—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

Nkurɔfo Nnye Amanyɔfo Nni Bio—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?

 Aman dodow a wɔbɛto aba ayi amanyɔfo afe 2024 yi, ebi nsii saa da. Nanso nea ɛte ne sɛ, nnipa bebree nnye amanyɔfo nni bio.

  •   Nhwehwɛmufo bisabisaa Amerikafo bi nsɛm, na wɔn mu dodow no ara kaa sɛ, “pɛsɛmenkominya na ɛrekum amanyɔfo,” na ɛnyɛ sɛ wɔdwen nnipa ho. a—Pew Research Center, September 19, 2023.

 Mmabun pii nso nnye amanyɔfo nni bio.

  •   “Mmerante ne mmabaa ho ade ne sɛ, ɔhaw biara, ɛyɛ a na wɔrepɛ ano aduru. Nanso nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ, mmerante ne mmabaa bebree ka sɛ, yɛrepɛ obi a ɔbɛma yɛanya yɛn haw ano aduru a, ɛnyɛ amanyɔfo; amanyɔfo de, wɔnhu kotoku mfa koraa nhyɛ mu.”—The New York Times, January 29, 2024.

  •   “Wɔn a wɔka nsɛm wɔ sohyia midia te sɛ YouTube so no, nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmerante ne mmabaa gye wɔn di kyɛn amanyɔfo.”—The Korea Times, January 22, 2024.

 Yɛrepɛ obi a ɔbɛyɛ wiase yiye a, wohwɛ a, ɛyɛ amanyɔfo? Hena na obetumi aboa yɛn?

Ɛnyɛ obiara na ɛsɛ sɛ wugye no di

 Sɛ nkurɔfo rehwɛ wɔn ho yiye wɔ amanyɔfo ho a, edi sa. Bible ka sɛ, “ogyimifo gye asɛm biara di, na onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.”—Mmebusɛm 14:15.

 Ade baako nso ne sɛ, sɛ ɔmanyɔfo bi ka nokware na odwen nnipa ho sɛ dɛn mpo a, kae sɛ ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ. Ɛno nti Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ:

  •   “Mommfa mo ho nnto ɔdehye anaa onipa ba so, efisɛ ɔrentumi nnye obiara nkwa.”—Dwom 146:3.

Ɔkannifo a wubetumi agye no adi

 Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn ayi ɔkannifo bi ama yɛn. Ɔno de, ɔhene biara ne no nsɛ. Ɔwɔ tumi paa, na yɛpa tweri no a, yɛrenhwɛ ase da. Ɔno ne Yesu Kristo. (Luka 1:32, 33) Yesu ne Onyankopɔn Ahenni no so hene. Onyankopɔn Ahenni yɛ aban bi a ɛwɔ soro.—Mateo 6:10.

a Pew Research Center, “Americans’ Dismal Views of the Nation’s Politics,” September 2023.