Mmabun, Mo Bɔfo No Pɛ Sɛ Mo Ani Gye
“Ɔno na ɔde adepa hyɛ w’asetena mã.”—DW. 103:5.
1, 2. Sɛ yɛresi nea yɛbɛyɛ wɔ yɛn asetenam ho gyinae a, adɛn nti na nyansa wom sɛ yetie yɛn Bɔfo no? (Hwɛ mfoni a ɛwɔ adesua yi mfiase no.)
SƐ WOYƐ ɔbabun a, ebia nkurɔfo ama wo afotu pii wɔ nea wobɛyɛ daakye ho. Ebia akyerɛkyerɛfo, sukuufo afotufo, anaa afoforo ahyɛ wo nkuran sɛ sua nhoma kɔ akyiri na ama woanya adwuma a ɛbɛma woanya sika pii. Nanso, Yehowa tu wo fo sɛ yɛ biribi foforo. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa pɛ sɛ woyere wo ho sua ade bere a wowɔ sukuu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wuwie a wubenya adwuma ayɛ ahwɛ wo ho. (Kol. 3:23) Onim nso sɛ bere a woyɛ ɔbabun no, ehia sɛ wusisi gyinae a ɛho hia a ɛfa wo daakye ho. Enti wama wo nnyinasosɛm a ɛbɛkyerɛ wo kwan na aboa wo ma woabɔ wo bra ama asɔ n’ani wɔ nna a edi akyiri yi mu.—Mat. 24:14.
2 Afei nso, kae sɛ Yehowa nim biribiara, efisɛ onim nea ebesi daakye, na onim sɛnea awiei no abɛn pa ara nso. (Yes. 46:10; Mat. 24:3, 36) Bio nso, onim yɛn; onim nea ɛbɛma yɛn koma atɔ yɛn yam na ama yɛn ani agye. Ɛnna onim nneɛma a ebetumi abu yɛn abam ne nea ɛbɛhyɛ yɛn awerɛhow. Enti, sɛ nnipa afotu yɛ papa sɛ dɛn ara mpo na ennyina Onyankopɔn Asɛm so a, nyansa nnim koraa.—Mmeb. 19:21.
“NYANSA BI . . . NNI HƆ A ƐNE YEHOWA BEDI ASI”
3, 4. Adam ne Hawa tiee afotu bɔne. Ɛkaa wɔne wɔn asefo sɛn?
3 Afotu bɔne bae akyɛ pa ara. Satan na odii kan maa nnipa afotu bɔne. Ahantan maa Satan yɛɛ ne ho ɔfotufo, na ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ, sɛ ɔne ne kunu yɛ nea wɔn ankasa pɛ a, wɔn ani begye pa ara. (Gen. 3:1-6) Nanso, nokwasɛm ne sɛ pɛsɛmenkominya na ɛmaa Satan yɛɛ saa. Ná ɔpɛ sɛ Adam ne Hawa ne wɔn asefo a wɔbɛba akyiri yi brɛ wɔn ho ase hyɛ n’ase na wɔsom ɔno mmom sen sɛ wɔbɛsom Yehowa. Nanso, na Satan nyɛɛ biribiara mmaa wɔn. Biribiara a wɔwɔ no, Yehowa na na ɔde ama wɔn; wamma wɔanyɛ ankonam, ɔmaa wɔn turo fɛfɛ a wɔbɛtena mu, ne nipadua a ɛyɛ pɛ a ɛbɛma wɔatena ase daa.
4 Awerɛhosɛm ne sɛ, Adam ne Hawa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden, na ɛma wɔtwee wɔn ho fii ne ho. Sɛnea wunim no, nea efii mu bae no yɛ awerɛhow pa ara. Wɔyɛɛ te sɛ nhwiren a atew afi ne dua so, na nkakrankakra wɔbɔɔ akwakoraa ne aberewa, na wowui. Nnome a bɔne de bae no maa wɔn mma nso huu amane. (Rom. 5:12) Nanso ɛnnɛ, nnipa dodow no ara yɛ wɔn adwene sɛ wɔrentie Onyankopɔn. Wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra sɛnea wɔn ankasa pɛ. (Efe. 2:1-3) Nea afi mu aba no ma yehu pefee sɛ “nyansa . . . bi nni hɔ a ɛne Yehowa bedi asi.”—Mmeb. 21:30.
5. Ahotoso bɛn na na Onyankopɔn wɔ wɔ nnipa mu, na ɛfata sɛ onyaa ahotoso a ɛte saa anaa?
5 Ná Yehowa nim sɛ nnipa bi bɛhwehwɛ n’akyi kwan na wɔasom no; mmabun pii a wɔwɔ suban pa ka ho. (Dw. 103:17, 18; 110:3) Mmabun a wɔte saa no, wɔsom bo ma Yehowa pa ara! Woka wɔn ho anaa? Sɛ saa a, akyinnye biara nni ho sɛ, wunya ‘nneɛma pa’ pii fi Onyankopɔn hɔ, na ɛma w’ani gye pa ara. (Kenkan Dwom 103:5; Mmeb. 10:22) Afei, yɛrebesusuw saa ‘nneɛma pa’ no bi ho. Ebi ne honhom fam aduan pii, nnamfo papa pa ara, botae pa, ne ahofadi ankasa.
YEHOWA MA WUNYA HONHOM FAM AHIADE
6. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma wo honhom fam ahiade ho hia wo, na ɔkwan bɛn na Yehowa fa so ma wo nsa ka?
6 Nnipa nte sɛ mmoa, enti nnipa wɔ honhom fam ahiade, na wɔn Bɔfo no nkutoo na obetumi ama wɔn nsa aka. (Mat. 4:4) Sɛ wowɛn w’aso tie Onyankopɔn a, wunya nhumu, nyansa, ne anigye. Yesu kaa sɛ: “Anigye ne wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade.” (Mat. 5:3) Onyankopɔn nam n’Asɛm ne “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ma wo honhom fam aduan pii de hyɛ wo gyidi den. (Mat. 24:45) Honhom fam aduan a yenya no, ɛyɛ ahorow ahorow, na ahoɔden wom!—Yes. 65:13, 14.
7. Sɛ wudi honhom fam aduan a Onyankopɔn de ma no a, mfaso a wunya no, ebi ne sɛn?
7 Honhom fam aduan a Onyankopɔn de ma wo no bɛma woanya nyansa ne adwempa, na ebetumi abɔ wo ho ban wɔ akwan pii so. (Kenkan Mmebusɛm 2:10-14.) Saa suban ahorow yi bue w’ani ma wutumi hu nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ atoro. Atoro nkyerɛkyerɛ no bi ne adwene a nkurɔfo kura sɛ Ɔbɔadeɛ biara nni hɔ. Saa suban ahorow no bɛboa wo ama woahu sɛ ɛnyɛ nokware sɛ sika ne agyapade na ɛma nnipa ani gye. Afei nso, nneɛma a ebetumi ama woanya akɔnnɔ bɔne anaa suban bi a ebetumi apira wo no, ɛbɛboa wo ama woahu na woatwe wo ho afi ho. Enti kɔ so hwehwɛ Onyankopɔn nyansa ne adwempa, na bu no sɛ biribi a ɛsom bo! Sɛ wunya saa suban pa yi bi a, wo ara wubehu sɛ Yehowa dɔ wo na ɔpɛ sɛ esi wo yiye.—Dw. 34:8; Yes. 48:17, 18.
8. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wobɛn Onyankopɔn nnɛ, na sɛn na wei bɛboa wo daakye?
Hab. 3:2, 12-19) Enti, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ wobɛn wo soro Agya no, na wohyɛ ahotoso a wowɔ wɔ ne mu no mu den. (2 Pet. 2:9) Sɛ woyɛ saa a, nea ebesi biara no, wo ne odwontofo no bɛyɛ adwene sɛ: “Mede Yehowa asi m’anim daa. Ɔwɔ me nifa nti, merenhinhim da biara da.”—Dw. 16:8.
8 Ɛrenkyɛ, Satan wiase no mu biribiara bɛsɛe pasaa. Yehowa nkutoo na obetumi abɔ yɛn ho ban na wama yɛn nsa aka nea yehia biara; ebia yɛn ano aduan mpo, gye sɛ ɔno ara! (YEHOWA MA WUNYA NNAMFO PAPA PA ARA
9. (a) Sɛnea Yohane 6:44 ka no, dɛn na Yehowa yɛ? (b) Sɛ wuhyia wo nua Yehowa Danseni a, ɛnte sɛ nea woahyia onipa foforo, adɛn ntia?
9 Nnipa a Yehowa ma kwan ma wɔbɛka ne honhom fam abusua ho no, ɔno ankasa na ɔtwe wɔn; wɔn a wɔwɔ koma pa no, ɔtwe wɔn nkakrankakra ba nokware som mu. (Kenkan Yohane 6:44.) Sɛ wuhyia obi a onni nokware no mu bere a edi kan a, dɛn na wunim fa ne ho? Sɛ ne din ne sɛnea ɔte wɔ nipaduam da nkyɛn a, ebia wunnim no ahe biara. Nanso, da a wubedi kan ahyia obi a onim Yehowa na ɔdɔ no no, ɛyɛ soronko. Sɛ ɛsono ɔman a onii no fi mu, ntetee a onyae, abusua a ofi mu, anaa n’amammerɛ mpo a, wunim ne ho nsɛm pii dedaw, na ɔno nso nim wo ho nsɛm pii!
10, 11. Dɛn na ɛda nsow wɔ Yehowa nkurɔfo nyinaa ho, na sɛn na ɛboa yɛn?
10 Sɛ wuhyia Ɔdansefo a wunhyiaa no da a, ntɛm ara wubehu “kasa” a mo mu biara ka; ɛno ne “kasa kronn,” anaa nokware no. (Sef. 3:9) Ɛno nti, mo mu biara nim nea ne yɔnko gye di. Ebi ne sɛ, mugye Onyankopɔn di, mode nnyinasosɛm baako na ɛbɔ mo bra, na mowɔ daakye ho anidaso koro. Weinom yɛ nneɛma a ɛho hia pa ara sɛ wuhu fa obi ho. Saa nneɛma yi na ɛma wunya obi mu ahotoso na ɛma wugye no di, na afei nso ɛboa ma mutumi fa adamfo denneennen afebɔɔ.
11 Enti, sɛ woyɛ Yehowa somfo a, wubetumi aka pa ara sɛ wowɔ nnamfo papa pa ara wɔ wiase baabiara. Nea ɛwom ara ne sɛ, wɔn mu dodow no ara na wunnya nhyiaa
wɔn! Yehowa nkurɔfo da nkyɛn a, henanom na wɔwɔ akyɛde a ɛsom bo saa?YEHOWA BOA WO MA WODE BOTAE PA SISI W’ANI SO
12. Botae pa bɛn na wubetumi de asisi w’ani so wɔ Yehowa som mu?
12 Kenkan Ɔsɛnkafo 11:9–12:1. Wode botae bi asisi w’ani so wɔ Yehowa som mu a worebɔ mmɔden sɛ wubedu ho anaa? Ebia wode asi w’ani so sɛ wobɛkenkan Bible da biara da, wobɛma mmuae a etu mpɔn anaa wobɛyɛ wo dwumadi yiye wɔ asafo nhyiam ase. Anaa ebia worebɔ mmɔden sɛ wode Bible bɛkyerɛkyerɛ yiye wɔ asɛnka mu. Sɛ saa a, wuhu sɛ nneɛma rekɔ yiye anaa afoforo hu na wɔkamfo wo a, ɛyɛ a wote nka sɛn? Akyinnye biara nni ho sɛ, w’ani begye pa ara sɛ woanya nkɔso. Sɛ w’ani gye a, edi sa, efisɛ Onyankopɔn apɛde ho hia wo sen w’ankasa de. Woyɛ saa a, na woresuasua Yesu.—Dw. 40:8; Mmeb. 27:11.
13. Adɛn nti na eye pa ara sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn sen sɛ yɛde wiase botae besisi yɛn ani so?
13 Sɛ wode w’ani si Yehowa som so a, na woreyɛ adwuma a ɛma akomatɔyam pa ara, efisɛ wo brɛ renyɛ kwa da. Ɔsomafo Paulo kaa sɛ: “Me nuanom adɔfo, muntintim, munnhinhim, monyɛ pii wɔ Awurade adwuma no mu daa, na munim sɛ mo brɛ renyɛ kwa Awurade mu.” (1 Kor. 15:58) Nanso, sɛ nkurɔfo de si wɔn ani so sɛ wobegye din na wɔanya sika wɔ wiase yi mu a, wɔn ani nnye ankasa. Sɛ ɛba mpo sɛ nneɛma kɔ yiye ma wɔn a, mpɛn pii no, wɔn koma ntɔ wɔn yam. (Luka 9:25) Obi a ɔno ankasa hui sɛ saa asɛm yi yɛ nokware ne Ɔhene Solomon, na yesua biribi fi ne hɔ.—Rom. 15:4.
14. Solomon sɔɔ anigyede hwɛe. Dɛn na wubetumi asua afi mu?
14 Ná Solomon wɔ tumi, na na wanya ne ho sei ara tam; ɔyɛe sɛ ɔbɛsɔ biribi ahwɛ. Ɔno ankasa kaa sɛ: ‘Ma mensɔ anigye nhwɛ, na menhwɛ sɛ adepa bi wom’ anaa. (Ɔsɛnk. 2:1-10) Osisii adan, ɔyeyɛɛ nturo ne mfikyifuw, na ɔyɛɛ nea ne koma pɛ biara. Ɛno akyi no, ɔtee nka sɛn? Ne koma tɔɔ ne yam? N’ani gyei anaa? Enhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi. Solomon ankasa kaa sɛ: ‘Mitwaa m’ani hwɛɛ adwuma a mede me nsa ayɛ nyinaa, na hwɛ! ne nyinaa yɛ ahuhude, na biribiara so nni mfaso.’ (Ɔsɛnk. 2:11) Wei yɛ asuade kɛse pa ara! Wubetie saa afotu yi agu aso pa mu anaa?
15. Adɛn nti na gyidi ho hia, na sɛnea Dwom 32:8 ka no, mfaso bɛn na ɛwɔ so?
15 Yehowa mpɛ sɛ wudi mfomso na wuhu amane ansa na woasua biribi afi mu. Ɛwom, wuhia gyidi na ama woatie Onyankopɔn na wode n’apɛde adi kan wɔ w’asetena mu. Saa gyidi no, mfaso wɔ so pa ara, na enni huammɔ da. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa werɛ remfi ‘ɔdɔ a wodaa no adi wɔ ne din’ ho no da. (Heb. 6:10) Enti, yere wo ho ma wo gyidi nyɛ den, na wo ara wubehu sɛ wo soro Agya no pɛ sɛ esi wo yiye pa ara.—Kenkan Dwom 32:8.
ONYANKOPƆN MA WUNYA AHOFADI ANKASA
16. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ ahofadi som bo ma yɛn na yɛde di dwuma nyansam?
16 Paulo kaa sɛ: “Faako a Yehowa honhom wɔ no, ahofadi wɔ hɔ.” (2 Kor. 3:17) Yehowa ani gye ahofadi ho, na ɔpɛ sɛ wo nso w’ani gye ahofadi ho. Nanso, bere koro no ara, ahofadi a wowɔ no, ɔpɛ sɛ wode di dwuma nyansam. Woyɛ saa a, ɛbɛbɔ wo ho ban. Ebia wunim mmabun bi a wɔhwɛ aguamansɛm anaa wɔbɔ aguaman, wɔde wɔn ho hyɛ agodie a ebetumi de wɔn nkwa ato asiane mu, anaa wɔnom nnubɔne anaa wɔwe nsa. Mfiase no, ebia ɛbɛyɛ wɔn sɛ wɔregye wɔn ani, nanso mpɛn pii no, nea efi mu ba nye koraa. Ebi ne sɛ wonya yare, subammɔne no tumi ka wɔn hɔ, anaa wotumi wu mpo. (Gal. 6:7, 8) Wei ma yehuu pefee sɛ, saa mmabun no adwene yɛ wɔn sɛ wɔwɔ “ahofadi,” nanso wɔredaadaa wɔn ho ankasa.—Tito 3:3.
17, 18. (a) Sɛ yetie Onyankopɔn a, ahofadi bɛn na yenya? (b) Sɛ yɛde ahofadi a na Adam ne Hawa wɔ mfiase no toto ahofadi a nnipa wɔ nnɛ ho a, ɛte sɛn?
17 Nanso, nnipa dodow ahe na wunim sɛ Bible akwankyerɛ a wɔde bɔɔ wɔn bra nti wɔyaree? Wei ma yehu pa ara sɛ, sɛ yetie Yehowa a, yebenya apɔwmuden ne ahofadi. (Dw. 19:7-11) Nea ɛsen saa no, sɛ wode ahofadi a wowɔ no di dwuma nyansam, kyerɛ sɛ, sɛ wode Onyankopɔn mmara ne ne nnyinasosɛm a ɛyɛ pɛ no bɔ wo bra a, woma Onyankopɔn ne w’awofo hu sɛ wobetumi ama wo ahofadi pii. Nokwasɛm ne sɛ, nea Onyankopɔn pɛ ne sɛ awiei koraa no, ɔbɛma n’asomfo anokwafo ahofadi a edi mũ. Ɛno na Bible ka ho asɛm sɛ “Onyankopɔn mma anuonyam ahofadi” no.—Rom. 8:21.
18 Adam ne Hawa nyaa saa ahofadi no bi. Bere a wɔwɔ Eden turom no, ade baako pɛ na Onyankopɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ. Dua baako pɛ na na ɛnsɛ sɛ wodi so aba. (Gen. 2:9, 17) Saa mmara baako pɛ no, wobɛka sɛ na ɛyɛ den dodo anaa na ɛhyɛ wɔn so? Ɛnte saa koraa! Wo de, fa saa mmara no toto mmara buburigyaa a nnipa ahyehyɛ a wɔhyɛ nkurɔfo sɛ wonsua na wonni so no ho hwɛ.
19. Dɛn na Yehowa ne Yesu rekyerɛkyerɛ yɛn na aboa yɛn ama yɛade yɛn ho?
19 Sɛnea Yehowa ne n’asomfo di no ma yehu sɛ ɔwɔ nyansa pa ara. Sɛ́ anka Yehowa bɛhyehyɛ mmara pii ama yɛn no, ɔtɔ ne bo ase kyerɛkyerɛ yɛn ma yehu sɛnea yɛbɛyɛ biribiara wɔ ɔdɔ mu. Ɔpɛ sɛ yɛde ne nnyinasosɛm bɔ yɛn bra na yekyi bɔne. (Rom. 12:9) Saa kwan a Yehowa fa so kyerɛkyerɛ yɛn no, ɛho nhwɛso pa ara na ɛwɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no; ɛboa yɛn ma yehu nea ɛma nkurɔfo yɛ bɔne. (Mat. 5:27, 28) Kristo na ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene. Ɔbɛkɔ so akyerɛkyerɛ yɛn wɔ wiase foforo no mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya adwene a ɔwɔ wɔ adetrenee ne mmarato ho no bi. (Heb. 1:9) Afei nso, Yesu bɛboa yɛn ama yɛayɛ pɛ wɔ adwene ne nipadua mu. Wo de twa ho mfoni hwɛ, saa bere no, biribiara rentwetwe wo sɛ kɔyɛ bɔne, na worenhu amane esiane bɔne nti. Afei, awiei koraa no, wo nsa bɛka “anuonyam ahofadi” a Yehowa de ahyɛ wo bɔ no.
20. (a) Sɛn na Yehowa de ahofadi a ɔwɔ no yɛ adwuma? (b) Wobɛyɛ dɛn asuasua Onyankopɔn?
20 Nokwasɛm ne sɛ, wiase foforo no mu no, yɛrenne yɛn ho korakora. Adɛn ntia? Efisɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa no, ɛno so na yebegyina ayɛ biribiara. Nea Yehowa reka akyerɛ yɛn ara ne sɛ yensuasua no. Ɛwom sɛ Yehowa de ne ho korakora de, nanso wayɛ n’adwene sɛ biribiara a ɔyɛ no, ɔbɛyɛ no ɔdɔ so, na sɛnea ɔne yɛn di nso ka ho. (1 Yoh. 4:7, 8) Enti ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ, sɛ yesuasua Onyankopɔn dɔ a, ɛnna yebenya ahofadi ankasa.
21. (a) Sɛn na Dawid tee nka wɔ Yehowa ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
21 ‘Nneɛma pa’ pii a Yehowa de ama wo no, w’ani sɔ anaa? Ebi ne honhom fam aduan pii a wama woanya, nnamfo pa a wama woanya, botae pa a wode asisi w’ani so, ne anidaso a woanya sɛ wubenya ahofadi a edi mũ daakye. (Dw. 103:5) Sɛ saa a, ebia wo ne odwontofo a ɔbɔɔ mpae a ɛwɔ Dwom 16:11 no yɛ adwene. Ɔkaa sɛ: “Wobɛma mahu nkwa kwan. Ahurusidi kɛse wɔ w’anim; anigye wɔ wo nifa so daa.” Adesua a edi hɔ no, yɛbɛhwɛ nokware a ɛsom bo foforo a ɛwɔ Dwom 16 no bi. Wei bɛboa yɛn ama yɛahu nea yɛyɛ a yebenya akomatɔyam ankasa wɔ asetena mu.