Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Asɛm a ɔsomafo Paul kaa wɔ 1 Korintofo 15:29 no kyerɛ sɛ tete Kristofo no bi bɔɔ asu maa awufo anaa?

Daabi, biribiara nni Bible mu anaa abakɔsɛm mu a ɛkyerɛ sɛ biribi a ɛte saa kɔɔ so.

Sɛnea wɔakyerɛw saa kyerɛwsɛm yi wɔ Bible pii mu no ama ebinom anya adwene sɛ Paul bere so no, ebinom bɔɔ asu maa awufo. Ɛho nhwɛso bi ni: “Sɛ owusɔre biara nni hɔ a, ɛnde wɔn a wɔbɔɔ asu maa awufo no bɛyɛ dɛn?”—New International Version.

Nanso ma yɛnhwɛ nea Bible ho abenfo mmienu bi nso kae. Dr. Gregory Lockwood kaa sɛ, adwene a ɛne sɛ ebinom bɔɔ asu “maa nnipa bi a wɔawu dedaw no,” ɛyɛ “asubɔ bi a ebi nsii wɔ abakɔsɛm mu da, na ɛho asɛm nso nni Bible mu baabiara.” Saa ara na Ɔbenfo Gordon D. Fee nso kyerɛwee sɛ: “Biribiara nni abakɔsɛm mu anaa Bible mu a ɛkyerɛ sɛ asubɔ bi a ɛte saa kɔɔ so. Apam Foforo no nka ho asɛm, na adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ tete Kristofo no yɛɛ saa. Na asomafo no wu akyi nso, asɔre ahorow a ɛbae no anyɛ saa.”

Bible ka sɛ, ɛsɛ sɛ Yesu akyidifo ‘yɛ aman nyinaa n’asuafo, bɔ wɔn asu, kyerɛkyerɛ wɔn ma wodi nea wahyɛ no nyinaa so.’ (Mat. 28:19, 20) Ansa na obi betumi abɔ asu abɛyɛ osuani no, ɛsɛ sɛ osua Yehowa ne ne Ba no ho ade, onya wɔn mu gyidi, na otie wɔn. Obi a wawu a ɔwɔ ɔdamoa mu ntumi nyɛ saa, na saa ara nso na Kristoni a ɔte ase ntumi nyɛ saa mma no.—Ɔsɛnk. 9:5, 10; Yoh. 4:1; 1 Kor. 1:14-16.

Ɛnde dɛn ho asɛm na na Paul reka?

Ná Korintofo no bi nnye nni sɛ wobenyan awufo. (1 Kor. 15:12) Paul bɔɔ saa adwene no gui. Paul kaa sɛ ‘da biara na ɔne owu bɔ mpunimpu.’ Nanso na ɔda so te ase. Ɛmfa ho asiane ahorow a ohyiae nyinaa no, na ɔwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ owu a, wobenyan no ama no abɛyɛ honhom a ɔwɔ tumi, sɛnea wonyan Yesu no ara pɛ.—1 Kor. 15:30-32, 42-44.

Ná ɛsɛ sɛ Korintofo no hu sɛ esiane sɛ wɔyɛ Kristofo a wɔasra wɔn nti, da biara wobehyia sɔhwɛ, na wobewu ansa na wɔanyan wɔn. Bere a wɔbɔɔ wɔn “asu kɔɔ Kristo Yesu mu” no, wɔbɔɔ wɔn “asu kɔɔ ne wu mu” nso. (Rom. 6:3) Wei kyerɛ sɛ sɛnea ɛtoo Yesu no, wɔn nso behu amane na wɔawu, na ɛno akyi no, wobenya owusɔre akɔ soro.

Yesu bɔɔ asu no, bɛboro mfe mmienu akyi ɔkaa asɛm bi kyerɛɛ n’asomafo mmienu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Asu a wɔbɔ me no, mobɛbɔ bi.’ (Mar. 10:38, 39) Saa bere no, na ɛnyɛ nsu mu asubɔ na Yesu reka ho asɛm, mmom na Yesu reka sɛ, sɛ ɔkɔ so di Yehowa nokware a, na ɛbɛma wɔakum no. Paul kyerɛwee sɛ, wɔn a wɔasra wɔn no ne Yesu ‘behu amane ansa na ebia wɔahyɛ wɔne no anuonyam.’ (Rom. 8:16, 17; 2 Kor. 4:17) Enti wɔn nso, gye sɛ wowu ansa na wɔanyan wɔn ama wɔakɔ soro.

Ɛnde yebetumi aka asɛm a Paul kae no wɔ saa kwan yi so sɛ: “Anyɛ saa a anka wɔn a wɔbɔ wɔn asu kɔ owu mu bɛyɛ dɛn? Sɛ awufo nsɔre koraa a, dɛn nti na wɔbɔ wɔn asu kɔ owu mu?”