Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wutumi Ne Afoforo Bom Yɛ Adwuma Yiye?

Wutumi Ne Afoforo Bom Yɛ Adwuma Yiye?

“NÁ MEWƆ ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a onim adwuma paa. . . . M’ani gyee n’anim daa.” (Mmeb. 8:30) Mfe mpempem pii a Onyankopɔn Ba no ne n’Agya boom yɛɛ adwuma wɔ soro ansa na ɔreba asaase so no, ɛno na saa kyerɛwsɛm yi ka ho asɛm. Saa kyerɛwsɛm yi san ma yehu sɛ bere a Yesu ne Onyankopɔn boom yɛɛ adwuma no, n’ani ‘gyei’ wɔ n’anim.

Saa bere no, Yesu nyaa suban a ɛma otumi ne afoforo bom yɛ adwuma yiye. Enti akyiri yi a ɔbaa asaase so no, wɔn a ɔne wɔn boom yɛɛ adwuma no, otwaa ɛsa pa maa wɔn. Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu? Sɛ yɛtɔ yɛn bo ase hwɛ nea ɔyɛe no a, yebehu nnyinasosɛm mmiɛnsa a ebetumi aboa yɛn ama yɛne afoforo abom ayɛ adwuma yiye. Saa nnyinasosɛm yi bɛboa yɛn ma baakoyɛ atena yɛne anuanom ntam paa.

Yebetumi asuasua Yehowa ne Yesu nhwɛso no, na nimdeɛ ne osuahu biara a yɛwɔ no, yɛaka ho asɛm akyerɛ yɛn nuanom Kristofo

NNYINASOSƐM 1: ‘OBIARA MFA NIDI MMA NE YƆNKO.’

Obi a otumi ne afoforo bom yɛ adwuma no brɛ ne ho ase, na obu ne mfɛfo adwumayɛfo sɛ wɔn ho hia. Afei nso, ɔnyɛ biribiara mfa nkyerɛ sɛ ɔbɔ mmɔden sen wɔn. Yesu suaa saa ahobrɛase no fii n’Agya hɔ. Ɛwom sɛ Yehowa nko ara na ɛfata sɛ yɛfrɛ no Ɔbɔadeɛ, nanso ɔma yehu adwumasono a ne Ba a ɔsan yɛ ne yɔnko dwumayɛni no yɛe. Yehu wei wɔ asɛm a Onyankopɔn kae yi mu: “Ma yɛnyɛ onipa wɔ yɛn suban so.” (Gen. 1:26) Saa asɛm a Yehowa kae no, na ɛbɛma Yesu ahu sɛ Yehowa wɔ ahobrɛase paa.—Dw. 18:35.

Yesu baa asaase so no, ɔno nso brɛɛ ne ho ase. Sɛ ɔyɛ biribi na nkurɔfo kamfo no a, na ɔde anuonyam no ma Onyankopɔn. (Mar. 10:17, 18; Yoh. 7:15, 16) Yesu yeree ne ho maa asomdwoe tenaa ɔne n’asuafo no ntam; wamfa wɔn sɛ ne nkoa, na mmom ɔfaa wɔn sɛ ne nnamfo. (Yoh. 15:15) Yesu hohoroo wɔn nan ho mpo maa wɔn de kyerɛɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase. (Yoh. 13:5, 12-14) Yɛn nso, ɛsɛ sɛ yedi yɛn mfɛfo adwumayɛfo ni, na yɛde nea ehia wɔn di kan. Sɛ ‘obiara di ne yɔnko ni,’ na yɛampere anuonyam a, yebetumi ayɛ pii.—Rom. 12:10.

Afei nso, obi a ɔbrɛ ne ho ase gye tom sɛ “afotufo dodow ma nhyehyɛe yɛ yiye.” (Mmeb. 15:22) Ɛmfa ho osuahu anaa nimdeɛ a yɛwɔ no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ adwene nni ɔbaakofo tirim. Yesu mpo gye toom sɛ ɛnyɛ biribiara na onim. (Mat. 24:36) Bio nso, na Yesu pɛ sɛ n’asuafo a wɔtɔ sin no kyerɛ wɔn adwene. (Mat. 16:13-16) Ɛnyɛ nwonwa sɛ na ne mfɛfo adwumayɛfo no tumi bɛn no! Yɛn nso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase, na yegye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim, na yɛma nkurɔfo kyerɛ wɔn adwene a, yɛma asomdwoe tena yɛn ntam. Yɛyɛ saa a, ‘ɛma nhyehyɛe yɛ yiye.’

Sɛ asafo mu mpanyimfo hyiam a, ɛho hia paa sɛ wosuasua Yesu, na wɔma obiara kyerɛ n’adwene. Ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ honhom kronkron betumi afa ɔpanyin biara so aboa mpanyimfo no ama wɔasi gyinae pa. Sɛ mpanyimfo hyiam na wɔhwɛ ma obiara fi ne pɛ mu kyerɛ n’adwene a, ɛbɛboa wɔn ma wɔasisi gyinae a ɛbɛboa asafo mũ no nyinaa.

NNYINASOSƐM 2: ‘MOMMA NNIPA NHU SƐ MOTE ASƐM ASE.’

Obi a otumi ne afoforo bom yɛ adwuma no, ɔma ne mfɛfo adwumayɛfo hu sɛ ɔte asɛm ase. N’asɛm nyɛ den, na otumi gyae nsɛm mu. Akyinnye biara nni ho sɛ Yesu nyaa hokwan pii hui sɛ n’Agya te asɛm ase. Ɛho nhwɛso ne sɛ, ɛwom sɛ na nnipa fata owu, nanso Yehowa somaa Yesu sɛ ommegye adasamma.—Yoh. 3:16.

Sɛ ɛho hia anaa ɛfata sɛ Yesu gyae nsɛm mu a, na ɔyɛ saa. Kae sɛ Israelfo nti na Yehowa somaa Yesu, nanso ɔboaa Foinikeni bea bi. (Mat. 15:22-28) Afei nso, na ɔte n’asuafo no ase, enti na ɔnhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ nea ɛboro wɔn so. Bere a Yesu adamfo Petro kaa sɛ onnim no wɔ baguam no, ɔde kyɛɛ no. Akyiri yi, ɔde nnwuma akɛse hyɛɛ Petro nsa. (Luka 22:32; Yoh. 21:17; Aso. 2:14; 8:14-17; 10:44, 45) Yesu nhwɛso no ma yehu pefee sɛ ɛsɛ sɛ yetumi gyae nsɛm mu ‘ma nnipa nyinaa hu sɛ yɛte asɛm ase.’—Filip. 4:5.

Bio nso, sɛ yɛte asɛm ase a, ɛbɛma yɛatumi ne nnipa ahorow nyinaa abom ayɛ adwuma fɛfɛɛfɛ. Ná Yesu ne obiara di no yiye ara ma n’atamfo a na wɔn ani bere no no kaa sɛ, ɔyɛ “wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo” a wotiee n’asɛm no “adamfo.” (Mat. 11:19) Yɛn nso, yebetumi asuasua Yesu, na yɛne afoforo abom ayɛ adwuma anaa? Yɛnhwɛ onua bi a ne din de Louis. Ná ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo, na ɔsan nso yɛɛ adwuma wɔ Betel. Saa bere no, ɔne anuanom ahorow pii boom yɛɛ adwuma. Ɔka sɛ: “Sɛ wo ne nnipa a wɔn nso nyɛ pɛ bom yɛ adwuma a, ɛte sɛ wode abo a ɛsono ebiara kɛse reto ɔfasu. Esiane sɛ abo no kɛse nyɛ pɛ nti, ɛho adwuma yɛ den, nanso sɛ wotɔ wo bo ase hyehyɛ abo no yiye a, wubetumi ato ɔfasu no ama ateɛ kama. Me nso, mayɛ nea metumi biara sɛ mɛyɛ nsakrae na ama me ne afoforo abom ayɛ adwuma asomdwoe mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebewie adwuma no.” Wei yɛ suban pa.

Yebetumi ne afoforo abom ayɛ adwuma yiye a, nimdeɛ anaa osuahu biara a ɛbɛboa adwuma no, yɛremfa nsie sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkyerɛ sɛ yenim sen obiara

Bere bɛn na yebetumi akyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yetumi ne yɛn asafo mufo bom yɛ adwuma? Sɛ yɛne yɛn asɛnka kuw mufo hyia a, yebetumi anya hokwan ayɛ saa. Adawurubɔfo no bi wɔ hɔ a, ɛsono asɛde a wɔwɔ wɔ wɔn abusua mu, ɛnna ɛsono yɛn de. Ebinom nso wɔ hɔ a, yɛne wɔn mmɔ tipɛn. Yebetumi ne saa adawurubɔfo yi nyinaa abom ayɛ adwuma. Yemmisa sɛ, yebetumi ate wɔn ase, na yɛayɛ nsakrae ne wɔn akɔ no sɛnea eye ma wɔn, na aboa wɔn ama wɔn ani agye asɛnka adwuma no ho kɛse anaa?

NNYINASOSƐM 3: ‘KYƐ ADE’

Obi a otumi ne afoforo bom yɛ adwuma yiye ‘kyɛ ade.’ (1 Tim. 6:18) Bere a Yesu ne n’Agya boom yɛɛ adwuma no, ohui sɛ Yehowa nyɛ katasomuamuaso. Bere a Yehowa ‘siesiee ɔsoro no,’ na Yesu ‘wɔ hɔ,’ enti na obetumi asua biribi afi ne hɔ. (Mmeb. 8:27) Akyiri yi, Yesu ankasa nso, nea ‘ɔte fii n’Agya hɔ’ no, ɔde anigye kaa ho asɛm kyerɛɛ n’asuafo no. (Yoh. 15:15) Yebetumi asuasua Yehowa nhwɛso no, na nimdeɛ ne osuahu biara a yɛwɔ no, yɛaka ho asɛm akyerɛ yɛn nuanom Kristofo. Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yebetumi ne afoforo abom ayɛ adwuma yiye a, nimdeɛ anaa osuahu biara a ɛbɛboa adwuma no, yɛremfa nsie sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkyerɛ sɛ yenim sen obiara. Mmom, nneɛma pa a yɛasua no, yɛn ani begye sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo.

Afei nso, wɔn a yɛne wɔn bom yɛ adwuma no, yebetumi ahyɛ wɔn nkuran. Sɛ obi hu sɛ yɛbɔ yɛn ho mmɔden, na oyi ne yam kamfo yɛn a, ɛmma yɛn ani nnye anaa? Adepa a Yesu hui wɔ ne mfɛfo adwumayɛfo ho no, ɔka kyerɛɛ wɔn. (Fa toto Mateo 25:19-23; Luka 10:17-20 ho.) Ɔka kyerɛɛ wɔn mpo sɛ wɔbɛyɛ “nnwuma akɛse asen” no. (Yoh. 14:12) Anadwo a ade rebɛkye ama wawu no, ɔkamfoo n’asomafo anokwafo no. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo na moda so bata me ho wɔ me sɔhwɛ mu.” (Luka 22:28) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ ne nsɛm no hyɛɛ wɔn nkuran, na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ adwuma a ɔde hyɛɛ wɔn nsa no! Yɛn nso, sɛ yɛkamfo yɛn mfɛfo adwumayɛfo a, wɔn ani begye paa, na ebetumi akanyan wɔn ma wɔayɛ pii.

WUBETUMI NE AFOFORO ABOM AYƐ ADWUMA YIYE

Onua bi a ne din de Kayode ka sɛ: “Sɛ obi tumi ne afoforo bom yɛ adwuma yiye a, ɛnkyerɛ sɛ, ne biribiara wie pɛyɛ. Mmom, wɔn a ɔne wɔn yɛ adwuma no, ɔma wɔn ani gye, na ɔmma adwuma no nyɛ wɔn so adesoa.” Saa na wote anaa? Ebia wo nuanom Kristofo a wo ne wɔn bom yɛ adwuma no, wubetumi abisa wɔn sɛ wohu wo sɛn? Yesu asuafo no ani gyei sɛ wɔne no boom yɛɛ adwuma. Enti wo nso, sɛ wo nuanom ani gye sɛ wɔne wo bom yɛ adwuma a, ɛnde, wubetumi aka asɛm a ɔsomafo Paul kae no bi. Ɔkaa sɛ: “Yɛyɛ mfɛfo adwumayɛfo a yɛboa ma mo ani gye.”—2 Kor. 1:24.