Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA ASƐM 23

“Wo Din Ho Ntew”

“Wo Din Ho Ntew”

“O Yehowa, wo din wɔ hɔ kosi daa.”—DW. 135:13.

DWOM 10 Kamfo Yɛn Nyankopɔn Yehowa!

NEA YƐREBESUA *

1-2. Nsɛm bɛn na ɛda Yehowa Adansefo koma so?

ƐNNƐ, nsɛm bi wɔ hɔ a ɛho hia yɛn paa. Ɛno ne Yehowa tumidi ne ne din a ɛho bɛtew. Yehowa Adansefo de, saa nsɛm yi da yɛn koma so, enti yɛn ani gye ho sɛ yebesusuw ho. Nanso, ɛnyɛ sɛ yɛrebɛhwɛ sɛ ɛsono Onyankopɔn tumidi ɛnna ɛsono ne din a ɛho bɛtew no, te sɛ nea ebiara nam ne kwan.

2 Yɛn nyinaa abehu sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn din ho tew. Afei nso, yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ obiara hu sɛ Yehowa tumidi anaa ɔkwan a ɔfa so di tumi no, ɛno na ɛyɛ papa. Enti, ɛsɛ sɛ yɛma nsɛm mmienu yi ho hia yɛn paa.

3. Edin Yehowa no ma yehu nokwasɛm bi fa Onyankopɔn ho. Ɛyɛ nokwasɛm bɛn?

3 Nea ɛwom ne sɛ, edin Yehowa no ma yehu Onyankopɔn ho biribiara. Ebi ne ɔkwan a ɔfa so di tumi. Enti sɛ yɛka sɛ Yehowa din a ɛho bɛtew no ne ade a ɛho hia paa a, ɛnde na yɛreka nso sɛ, ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no, ɛsɛ sɛ obiara hu sɛ ɛno na ɛyɛ papa. Yehowa din no ne ɔkwan a ɔfa so di tumi no, wotew ntam a ɛnyɛ yiye.—Hwɛ adaka a wɔato din ““ Asɛnkɛse Bi a Ɛda Hɔ.”

4. Dwom 135:13 ka Onyankopɔn din ho asɛm sɛn, na nsɛmmisa bɛn na yebenya ho mmuae wɔ adesua yi mu?

4 Edin Yehowa no yɛ soronko koraa. (Kenkan Dwom 135:13.) Adɛn nti na Onyankopɔn din ho hia saa? Ɛyɛɛ dɛn na wofii ase sɛee Onyankopɔn din? Ɔkwan bɛn na Onyankopɔn fa so tew ne din no ho? Yɛbɛyɛ dɛn aboa ama edin no ho atew de akyerɛ sɛ yɛtaa n’akyi? Momma yensusuw saa nsɛmmisa no ho.

NEA ENTI A EDIN HO HIA

5. Sɛ ebinom te sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn din ho tew a, asɛm bɛn na ebia wɔbɛka?

5 “Wo din ho ntew.” (Mat. 6:9) Nneɛma a ɛho hia paa a Yesu kaa sɛ yɛmmɔ ho mpae no, wei yɛ emu baako. Nanso, asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛn? Sɛ́ wɔbɛtew biribi ho no kyerɛ sɛ, wɔbɛyɛ no kronkron, anaa wɔremma efi biara mmma ho. Nanso ebia ebinom bɛka sɛ, ‘Yehowa de, sɛ́ ne din yɛ kronkron dedaw na efi biara nni ho, enti ɛbɛyɛ dɛn na ɛho asan atew?’ Sɛ yebenya asɛmmisa yi ho mmuae a, ɛsɛ sɛ yehu sɛ edin wɔ hɔ yi, ɛkyerɛ nneɛma pii. Wo de susuw ho hwɛ.

6. Adɛn nti na edin ho hia saa?

6 Edin nyɛ asɛm bi a yɛbɔ kɛkɛ anaa yɛkyerɛw wɔ krataa so. Bible ka sɛ: “Din pa na ɛsɛ sɛ wɔpaw, na ɛnyɛ ahonyade pii.” (Mmeb. 22:1; Ɔsɛnk. 7:1) Adɛn nti na edin ho hia saa? Efisɛ ɛma yehu sɛnea obi te, kyerɛ sɛ, sɛnea afoforo hu onii a edin no da no so no. Enti ɛnyɛ sɛnea wɔkyerɛw din bi anaa sɛnea wɔbɔ no no na ehia, mmom nea ehia paa ne nea ɛba nkurɔfo adwenem bere a wɔate anaa wɔahu saa din no.

7. Dɛn na nkurɔfo yɛ a ɛkyerɛ sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɛe Onyankopɔn din?

7 Sɛ nkurɔfo ka atosɛm fa Yehowa ho a, na nea wɔreyɛ ne sɛ, wɔpɛ sɛ afoforo nya ne ho adwene a ɛnteɛ. Sɛ wɔkeka nsɛm a ɛte saa a, na wɔpɛ sɛ wɔsɛe Onyankopɔn din. Eden turo no mu ne bere a edi kan a obi kekaa Onyankopɔn ho asɛm a ɛnteɛ na ɔyɛe sɛ ɔbɛsɛe ne din. Momma yɛnhwɛ nea yesua fi saa asɛm no mu.

NEA ƐYƐE A WOFII ASE SƐEE EDIN NO

8. Dɛn na na Adam ne Hawa nim, na nsɛm bɛn na yebetumi abisa?

8 Ná Adam ne Hawa nim Yehowa din. Afei nso, na wonim Yehowa ho nokwasɛm pii. Ná wonim sɛ Yehowa ne Ɔbɔadeɛ, ɔno ne Onii a ɔmaa wɔn nkwa, nea ɔyɛɛ Paradise fɛfɛɛfɛ maa wɔn, na ɔmaa wɔn ɔhokafo a ɔyɛ pɛ. (Gen. 1:26-28; 2:18) Nanso, wɔkɔɔ so dwinnwen nea Yehowa ayɛ ama wɔn nyinaa no ho anaa? Onii a edin Yehowa da no so no, wɔkɔɔ so dɔɔ no na wɔn ani sɔɔ nea wayɛ ama wɔn nyinaa anaa? Bere a Onyankopɔn tamfo no sɔɔ wɔn hwɛe no, nsɛmmisa yi ho mmuae daa adi.

9. Sɛnea Genesis 2:16, 17 ne 3:1-5 kyerɛ no, dɛn na Yehowa ka kyerɛɛ awarefo a wodi kan no, na sɛn na Satan dan nokwasɛm no ani?

9 Kenkan Genesis 2:16, 17 ne 3:1-5. Satan faa ɔwɔ so bisaa Hawa sɛ: “Ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn kae sɛ munnni turo yi mu dua biara so aba?” Saa asɛm a Satan bisaa Hawa no, na atosɛm bi wom a ɛte sɛ awuduru a ahintaw. Nea na Onyankopɔn aka akyerɛ wɔn ne sɛ, na wobetumi adi dua biara a esi turo mu hɔ so aba, gye baako pɛ. Nnua ahorow a ɛwɔ hɔ a na Adam ne Hawa betumi adi so aba no, na ɛdɔɔso paa. (Gen. 2:9) Anokwa, Yehowa yam ye paa. Nanso na Onyankopɔn aka akyerɛ Adam ne Hawa sɛ dua baako bi so aba de, ɛnsɛ sɛ wodi. Enti asɛm a Satan bisae no dan nokwasɛm no ani. Satan ma ɛyɛe sɛ Onyankopɔn tirim yɛ den. Ɛbɛyɛ sɛ Hawa dwinnwen ho sɛ, ‘Onyankopɔn de biribi papa bi resie me anaa?’

10. Sɛn na Satan yii n’anim sɛee Onyankopɔn din, na ekowiee sɛn?

10 Besi saa bere no nyinaa, na Hawa da so ara tie Yehowa. Asɛm a na Onyankopɔn aka no, Hawa ka kyerɛɛ Satan. Hawa ka kaa ho sɛ, Yehowa ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ wɔde wɔn nsa mpo ka dua no. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ, wɔyɛ asoɔden a wobewu, na na Hawa nim saa asɛm yi. Nanso Satan kaa sɛ: “Ɛnyɛ owu na mubewu.” (Gen. 3:2-4) Satan amfa asɛm no anhintaw bio. Afei de, oyii n’anim sɛee Onyankopɔn din. Enti sɛ yɛbɛka a, nea na ɔreka akyerɛ Hawa ne sɛ Yehowa yɛ ɔtorofo. Nea Satan yɛe yi ma ɔbɛyɛɛ ɔbonsam anaa otwirifo (dinsɛefo). Hawa na wɔdaadaa no; ogyee Satan dii. (1 Tim. 2:14) Sɛ́ anka Hawa de ne ho bɛto Yehowa so no, ɔde ne ho too Satan so mmom. Wei amma anyɛ den koraa sɛ Hawa besi gyinae bɔne. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ Yehowa so asoɔden. Enti dua a na Yehowa abara sɛ mma wonni no, odii n’aba no bi. Akyiri yi, ɔde bi maa Adam.—Gen. 3:6.

11. Dɛn na na anka yɛn awofo a wodi kan no betumi ayɛ, nanso dɛn na wɔanyɛ?

11 Wo de dwen ho hwɛ asɛm a anka ɛsɛ sɛ Hawa ka kyerɛ Satan. Fa no sɛ ɔkaa saa asɛm yi: “Minnim wo baabiara, nanso m’Agya Yehowa de, minim no, medɔ no, na migye no di. Biribiara a me ne Adam wɔ no, ɔno na ɔde ama yɛn. Wone hena na woabɛka ne ho asɛmmɔne? Fi me so kɔ!” Sɛ Yehowa babea a ɔdɔ no yi tumi kaa asɛm a ɛka koma saa a, wo de, hwɛ sɛnea anka Yehowa ani begye afa! (Mmeb. 27:11) Nanso, ɔdɔ a na Hawa wɔ ma Yehowa no, na ɛnyɛ ɔdɔ kann; na Adam nso nni ɔdɔ kann saa ara. Esiane sɛ ɔdɔ a na Adam ne Hawa wɔ ma wɔn Agya no nyɛ ɔdɔ kann nti, wɔannya asɛm pa biara anka amfa ammɔ Onyankopɔn din a na wɔresɛe no no angu.

12. Dɛn na Satan yɛe a ɛmaa Hawa adwenem yɛɛ no naa, na dɛn na Adam ne Hawa anyɛ?

12 Sɛnea yɛahu no, Satan fii ase kekaa nsɛm bi a ɛmaa Hawa adwenem yɛɛ no naa. Ɔmaa Hawa nyaa adwene sɛ Yehowa nyɛ Agya pa. Enti atosɛm a Satan keka de sɛee Yehowa din no, Adam ne Hawa annya asɛm pa biara anka amfa ammɔ angu. Wei ma ɛyɛɛ mmerɛw sɛ wobetie Satan na wɔatew wɔn Agya so atua. Ɔkwan koro no ara na Satan de yɛ adwuma nnɛ. Ɔkeka Yehowa ho asɛmmɔne de sɛe ne din. Nnipa a wogye Satan atosɛm di no, wɔmpɛ sɛ Yehowa bedi wɔn so.

YEHOWA TEW NE DIN HO

13. Sɛn na Hesekiel 36:23 ma yehu asɛntitiriw a Bible ka ho asɛm?

13 Sɛnea Satan asɛe Yehowa din no, Yehowa afa no saa ara a ɔrenyɛ ho hwee anaa? Dabida! Sɛnea Satan guu Yehowa din ho fi wɔ Eden turom no, yɛhwɛ Bible mu baabiara a, yehu nea Yehowa ayɛ de atew ne din no ho. (Gen. 3:15) Nokwasɛm ne sɛ, asɛntitiriw a Bible ka ho asɛm no, yebetumi abɔ ne mua sɛ: Yehowa nam Ahenni a ne Ba no yɛ ɛso hene no so bɛtew ne din ho, na wama trenee ne asomdwoe asan aba asase so. Nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛboa yɛn ma yehu ɔkwan a Yehowa fa so tew ne din ho.—Kenkan Hesekiel 36:23.

14. Nea Yehowa ayɛ wɔ atua a wɔtewee wɔ Eden turom ho no, sɛn na ama ne din ho atew?

14 Satan ayɛ nea obetumi biara sɛ ɔremma nea Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no mma mu. Satan ayɛ biara nanso nea ɔyɛ biara nkosi hwee. Bible ma yehu nea Yehowa ayɛ, na ɛma yehu sɛ obiara nni hɔ a ɔte sɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɛwom, atua a Satan atew ne wɔn a wɔwɔ n’afa nyinaa ma Yehowa werɛ how paa. (Dw. 78:40) Nanso ne nyansa, n’abotare ne n’atɛntrenee nti wadi ɔhaw yi ho dwuma. Afei nso, wafa akwan pii so akyerɛ sɛ ɔno ne ade nyinaa so Tumfoɔ. Na nea edi akoten wɔ biribiara a ɔyɛ mu ne ɔdɔ. (1 Yoh. 4:8) Yehowa yɛ adwuma bere nyinaa de tew ne din ho.

Satan kaa Yehowa ho asɛm a ɛnyɛ nokware kyerɛɛ Hawa, na Ɔbonsam akɔ so asɛe Onyankopɔn din mfe pii (Hwɛ nkyekyɛm 9-10, 15) *

15. Sɛn na Satan resɛe Onyankopɔn din nnɛ, na dɛn na afi mu aba?

15 Ɛnnɛ, Satan da so ara resɛe Onyankopɔn din. Ɔmpɛ sɛ nkurɔfo begye adi sɛ Onyankopɔn wɔ tumi, obu atɛntrenee, ɔwɔ nyansa na ɔdɔ nnipa. Satan pɛ sɛ nkurɔfo gye di sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔbɔɔ ade. Na sɛ nkurɔfo gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo a, Satan pɛ sɛ wogye di sɛ Onyankopɔn yɛ katee na ne mmara so di yɛ den. Afei nso, ɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ Yehowa nni ahummɔbɔ, na ɔyɛ Onyankopɔn a ne tirim yɛ den na ɔhyew nnipa wɔ gya mu. Sɛ nkurɔfo gye atosɛm a ɛte saa di a, ɛbɛyɛ den sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ama Yehowa adi wɔn so. Enkosi sɛ Yehowa bɛsɛe Satan no, Satan bɛkɔ so asɛe Yehowa din, na ɔbɛyɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma wo nso woatwe wo ho afi Yehowa ho. Satan betumi atwe wo afi Yehowa ho anaa?

NEA WOBƐYƐ WƆ ASƐNKƐSE A ƐDA HƆ NO HO

16. Dɛn na Adam ne Hawa anyɛ a wubetumi ayɛ?

16 Nnipa tɔ sin, nanso Yehowa ama yɛn kwan sɛ yɛmmoa mma ne din ho ntew. Enti, nea Adam ne Hawa anyɛ no, wubetumi ayɛ. Ɛwom, wiase a yɛte mu yi, nnipa dodow no ara ka atosɛm ne abususɛm de sɛe Yehowa din. Nanso wo de, woanya hokwan sɛ wobɛka asɛm no mu nokware, na woama nkurɔfo ahu sɛ Yehowa yɛ kronkron, ɔteɛ, oye, na ɔdɔ nnipa. (Yes. 29:23) Wubetumi ayɛ biribi de akyerɛ sɛ wopɛ sɛ Yehowa di wo so. Wubetumi nso aboa afoforo ama wɔahu sɛ Yehowa tumidi nko ara na ɛteɛ, na ɛno nko ara na ebetumi ama adesamma anya asomdwoe ne anigye.—Dw. 37:9, 37; 146:5, 6, 10.

17. Dɛn na Yesu yɛ maa nkurɔfo huu n’Agya din?

17 Atosɛm a wɔaka de asɛe Yehowa din no, sɛ yɛma nkurɔfo hu mu nokware a, na yɛresuasua Yesu Kristo. (Yoh. 17:26) Yesu maa nkurɔfo huu n’Agya din; ɔbɔ ma nkurɔfo tee. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom ɔsan kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo ma wohuu sɛnea Yehowa te. Ɛho nhwɛso ni. Ná Farisifo no ama nkurɔfo anya adwene sɛ Yehowa tirim yɛ den, ɔyɛ katee, ɔmpɛ nnipa, na onni ahummɔbɔ. Nanso Yesu de, ɔmaa nkurɔfo hui sɛ ɛnyɛ saa na Yehowa te. Yesu boaa nkurɔfo ma wohui sɛ n’Agya te nnipa ase, ɔwɔ abotare, ɔdɔ yɛn, na ɔde bɔne kyɛ. Afei nso, Yesu suasuaa n’Agya suban pɛpɛɛpɛ wɔ n’asetenam, na ɛno maa nkurɔfo huu sɛnea Yehowa te.—Yoh. 14:9.

18. Dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ atosɛm a wɔaka de asɛe Yehowa din no nyɛ nokware?

18 Sɛnea Yesu yɛe no, yebetumi aka nea yenim fa Yehowa ho akyerɛ nkurɔfo na yɛama wɔahu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn a ɔdɔ nnipa, na ne yam ye. Yɛyɛ saa a, yɛma nkurɔfo hu sɛ atosɛm a wɔaka de asɛe Yehowa din no nyɛ nokware. Afei nso, yɛma Yehowa din ho tew, na ɛma nkurɔfo hu sɛ ne din no yɛ kronkron. Yebetumi nso asuasua Yehowa. Yɛtɔ sin de, nanso yebetumi ayɛ saa. (Efe. 5:1, 2) Sɛ nsɛm a yɛka ne nea yɛyɛ ma nkurɔfo hu sɛnea Yehowa te ankasa a, ɛboa ma ne din ho tew. Ade foforo a yɛyɛ de boa ma Yehowa din ho tew ne sɛ, yɛboa nkurɔfo ma wohu nokware a ɛfa Onyankopɔn ho. Sɛ nnipa a wɔtɔ sin di nokware ma Yehowa kosi ase a, ɛno nso tew ne din ho.—Hiob 27:5.

Yɛpɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wohu sɛ Yehowa yam ye na ɔdɔ nnipa (Hwɛ nkyekyɛm 18-19) *

19. Sɛn na Yesaia 63:7 boa yɛn ma yehu ade titiriw a ɛsɛ sɛ yesi so dua wɔ yɛn nkyerɛkyerɛ mu?

19 Biribi foforo wɔ hɔ a yebetumi ayɛ ama Yehowa din ho atew. Sɛ yɛkyerɛkyerɛ afoforo nokware a ɛwɔ Bible mu a, yɛtaa twe adwene si Onyankopɔn tumidi so, kyerɛ sɛ, yɛma nkurɔfo hu sɛ Yehowa na ɔfata sɛ odi amansan yi so. Wei yɛ nokware turodoo. Ɛwom sɛ ehia sɛ yɛtwe adwene si Onyankopɔn mmara so de, nanso yɛn botae titiriw ne sɛ yɛbɛboa afoforo ama wɔadɔ yɛn Agya Yehowa, na wɔadi no nokware. Enti ehia sɛ yesi Yehowa suban a ɛyɛ fɛ no so dua, na yɛma nkurɔfo hu sɛnea Yehowa te ankasa. (Kenkan Yesaia 63:7.) Sɛ yɛfa saa kwan yi so kyerɛkyerɛ nkurɔfo a, yɛbɛboa wɔn ama wɔadɔ Yehowa, na esiane sɛ wɔpɛ sɛ wodi Yehowa nokware nti, wobetie no.

20. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

20 Ɛnde, dɛn na yɛbɛyɛ na sɛnea yɛbɔ yɛn bra ne sɛnea yɛkyerɛkyerɛ no ama nkurɔfo aka Yehowa din ho asɛmpa na wɔabɛn no? Yebenya saa asɛmmisa no ho mmuae wɔ adesua a edi hɔ no mu.

DWOM 2 Wo Din Ne Yehowa

^ nky. 5 Asɛm bɛn na ɛho hia nnipa ne abɔfo nyinaa? Dɛn na ɛma saa asɛm no ho hia saa, na ɛfa yɛn ho sɛn? Sɛ yenya nsɛmmisa yi ne nsɛmmisa foforo a ɛfa saa asɛm yi ho mmuae a, ɛbɛboa yɛn ama yɛahyɛ yɛne Yehowa adamfofa mu den.

^ nky. 61 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Ɔbonsam sɛee Onyankopɔn din; ɔka kyerɛɛ Hawa sɛ Onyankopɔn yɛ ɔtorofo. Satan ama nkurɔfo agye atoro nkyerɛkyerɛ adi mfe pii ni. Atoro nkyerɛkyerɛ no bi ne sɛ, Onyankopɔn tirim yɛ den na ɛnyɛ ɔno na ɔbɔɔ nnipa.

^ nky. 63 MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Onua bi ne obi resua Bible, na ɔretwe adwene asi Onyankopɔn suban so.