Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ebinom Aka Afa Mpaebɔ Ho

Nea Ebinom Aka Afa Mpaebɔ Ho

“Ɛtɔ da a, ɛyɛ a minhu nea menyɛ. Sɛ ɛba saa na mebɔ Onyankopɔn mpae a, mete nka sɛ ɔbɛn me, na waso me nsa rekyerɛ me kwan.”​—MARÍA.

“Kokoram teetee me yere mfe pɔrepɔre 13 kosii sɛ owui. Mekae sɛ na mebɔ Onyankopɔn mpae da biara da, na na mete nka sɛ wayɛ aso retie me paa, na ohu ɛyaw a meredi no. Ɛmaa me koma tɔɔ me yam.”​—RAÚL.

“Mpaebɔ yɛ akyɛde a ɛsom bo a Onyankopɔn de ama nnipa.”​—ARNE.

María, Raúl, Arne, ne nnipa pii bu mpaebɔ sɛ ɛyɛ akyɛde soronko. Wɔahu sɛ mpaebɔ ma wotumi ne Onyankopɔn kasa, wɔda no ase, na wɔhwehwɛ ne mmoa. Wogye di paa sɛ, nea Bible ka fa mpae a yɛbɔ Onyankopɔn ho no yɛ nokware. Bible ka sɛ: “Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.”—1 Yohane 5:14.

Asɛm a Bible aka yi, ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobegye atom. Yɛnhwɛ adwene a na Steve kura wɔ mpaebɔ ho. Ɔka sɛ: “Bere a midii mfe 17 no, me nnamfo mmiɛnsa wui yayaayaw. Baako nyaa kar akwanhyia na mmienu a aka no nso, ɛpo na ɛfaa wɔn.” Dɛn na Steve yɛe? Ɔkaa sɛ: “Ná mente ase, enti mebɔɔ Onyankopɔn mpae sɛ ɔmma minhu nea enti a aba saa, nanso mannya mmuae biara. Enti nea mekae ara ne sɛ, ‘Adɛn nti koraa na ɛsɛ sɛ mebɔ mpae?’” Nnipa pii adwene yɛ wɔn sɛ wɔbɔ mpae a wonnya ho mmuae. Enti wonhu nea enti paa a ɛsɛ sɛ wɔkɔ so bɔ mpae.

Nneɛma foforo nso wɔ hɔ a ama ebinom nhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae. Ebinom ka sɛ, Onyankopɔn nim biribiara dedaw; nea yehia ne nea ɛhaw yɛn nyinaa onim, enti wonhu nea enti a ɛsɛ sɛ wɔhaw wɔn ho san ka kyerɛ no.

Ebinom nso adwene yɛ wɔn sɛ, bɔne bi a wɔyɛe bere bi a atwam nti, Onyankopɔn ntie wɔn mpaebɔ. Ɔbea bi a ne din de Jenny ka sɛ: “Nea ɛhaw me paa ne sɛ, ɛyɛ a mete nka sɛ mfaso biara nni me so, efisɛ mekaakae nneɛma bi a mayɛ atwam a, nea meka ara ne sɛ, me de, mensɛ mfata sɛ Onyankopɔn tie me mpaebɔ.”

Wo nso, wuhu mpaebɔ sɛn? Sɛ nneɛma a yɛabobɔ so yi bi nti na ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛbɔ mpae a, ka wo koma to wo yam, efisɛ asɛmmisa biara a ɛfa mpaebɔ ho no, Bible betumi aboa wo ama woanya ho mmuae a ɛtɔ asom. Nea Bible ka fa mpaebɔ * ho biara yɛ nokware; ebetumi aboa wo ama woanya nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi ho mmuae:

  • Onyankopɔn tie yɛn mpaebɔ ampa?

  • Adɛn nti na Onyankopɔn ntie mpaebɔ ahorow bi?

  • Dɛn na woyɛ a ɛbɛma Onyankopɔn atie wo mpaebɔ?

  • Wobɔ mpae a, ɛbɛboa wo sɛn?

^ nky. 9 Sɛ wokenkan Bible a, wubehu mpae a nnipa pii a wɔsom Onyankopɔn bɔe; Yesu Kristo mpaebɔ nso ka ho. Wohwɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no, anaa nea wɔtaa frɛ no Apam Dedaw no mu a, wubehu mpaebɔ mmaako mmaako bɛboro 150 wom.