Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Momma Yɛnyɛ Nnipa Nyinaa Yiye”

“Momma Yɛnyɛ Nnipa Nyinaa Yiye”

“Mommra Me Nkyɛn, Na Mɛma Moahome”

“Momma Yɛnyɛ Nnipa Nyinaa Yiye”

NA Yesu adwuma titiriw ne sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa akyerɛ na wakyerɛkyerɛ. (Marko 1:14; Luka 8:1) Esiane sɛ Kristo akyidifo pɛ sɛ wosuasua no nti, wobu Bible mu asɛm a ɛfa Onyankopɔn Ahenni ho a wɔbɛkyerɛkyerɛ no sɛ wɔn asetram adwuma titiriw. (Luka 6:40) Nokwasɛm ni, ɛyɛ Yehowa Adansefo anigye sɛ wobehu sɛnea Ahenni nkrasɛm no de abotɔyam a ɛtra hɔ daa brɛ wɔn a wotie no—sɛnea ɛyɛe bere a na Yesu wɔ asase so no ara pɛ.—Mateo 11:28-30.

Onyankopɔn Asɛm a na Yesu ka akyi no, ɔyɛɛ nnwuma pa foforo te sɛ, ayarefo a ɔsaa wɔn yare ne nkurɔfo a ɔkɔm de wɔn a ɔmaa wɔn aduan dii. (Mateo 14:14-21) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yehowa Adansefo yɛ nnwuma a ɛboa nkurɔfo a wɔn ho akyere wɔn de ka Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a wɔyɛ no ho. Anyɛ yiye koraa no, Kyerɛwnsɛm no siesie Kristofo ‘ma nnwuma pa nyinaa,’ na ɛhyɛ wɔn sɛ ‘wɔnyɛ nnipa nyinaa yiye.’—2 Timoteo 3:16, 17; Galatifo 6:10.

“Yɛn Nuanom Bae”

Wɔ September 1999 mu no, asasewosow kɛse bi sii wɔ Taiwan sɛee nneɛma pii. Asram kakraa bi akyi no, osu a ano yɛ den tɔe na mmepɔw dwiriw gui ma asiane kɛse a esii no yɛɛ asiane akɛse a asisi wɔ Venezuela abakɔsɛm mu no mu biako. Nnansa yi ara, nsuyiri kɛse sɛee nneɛma wɔ Mozambique man no mu. Wɔ nsɛm abiɛsa no nyinaa mu no, Yehowa Adansefo kɔɔ hɔ ntɛm ara de nnuan, nsu, nnuru, ntade, ntamadan, ne nneɛma a wɔde noa aduan kɔboaa wɔn a wɔn ho akam no. Nnipa a wɔatu wɔn ho ama a wɔwɔ aduruyɛ mu nimdeɛ sisii ntamadan de hwɛɛ wɔn a wɔapirapira no, na atuhoamafo a wosi dan no sisii adan foforo maa wɔn a na wɔn afie abubu no.

Mmoa a ɛyɛ ne bere mu de a wɔde maa wɔn a na wɔn ho akam no kaa wɔn koma paa. Malyori a bepɔw dwiriw kataa ne fie so wɔ Venezuela no kae sɛ: “Yɛn nuanom bae, bere a na yɛn ho akyere yɛn paa no.” Bere a atuhoamafo no sii fie foforo koraa maa Malyori abusua akyi no, Malyori teɛɛm sɛ: “Yenhu sɛnea yɛnna Yehowa ase wɔ nea wayɛ ama yɛn no nyinaa ho!” Na bere a wɔn a Mozambique nsuyiri no maa wɔn ho kaa mu no nsa kaa afie foforo a wɔasisi ama wɔn nsafe no, kuw no nyinaa de anigye too Ahenni dwom “Yehowa Yɛ Yɛn Guankɔbea.” *

Na atuhoamafo no ani gye ho sɛ wɔbɛboa wɔn a na ade ahia wɔn no nso. Marcelo a na ɔyɛ ɔyarehwɛfo wɔ aguanfo atrae bi wɔ Mozambique no kae sɛ: “M’ani gyei sɛ anuanom a wɔahu amane pii yi nyaa me ho mfaso.” Huang a ɔyɛ Taiwan atuhoamafo no mu biako no kae sɛ: “Ná ɛyɛ anigye kɛse sɛ minyaa kyɛfa wɔ aduan ne ntamadan a yɛde kɔmaa anuanom a na ahia wɔn no mu bi. Ná ɛhyɛ gyidi den.”

Atuhoama Adwuma a Ɛso Wɔ Mfaso

Atuhoama adwuma no ama nneduafo mpempem pii a wɔwɔ wiase nyinaa anya honhom fam abotɔyam. Ɔkwan bɛn so? Nnansa yi, Yehowa Adansefo ama ankorankoro bɛboro 30,000 a wogu afiase bɛyɛ 4,000 mu wɔ United States nkutoo Bible ho nhoma. Ɛno akyi no, baabi a wobetumi no, Adansefo no ankasa srasra afiase ahorow no ne nneduafo no kosua Bible na wɔyɛ Kristofo nhyiam ahorow nso. So nneduafo no nya so mfaso?

Nneduafo binom a wɔresua Bible no afi ase reka Onyankopɔn Asɛm mu nkyerɛkyerɛ a ɛma abotɔyam no ho asɛm kyerɛ wɔn mfɛfo nneduafo. Ne saa nti, mprempren wɔ afiase horow a ɛwɔ wiase nyinaa binom mu no, nneduafo binom wom a wɔbom som Yehowa. Odeduani bi a ɔwɔ Oregon, U.S.A. bɔɔ amanneɛ wɔ 2001 mu sɛ: “Yɛn kuw no rekɔ so paa. Yɛwɔ Ahenni adawurubɔfo 7, na yɛreyɛ Bible adesua 38. Nnipa bɛboro 25 na wɔba baguam ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua ase, na yenyaa nnipa 39 wɔ [Kristo wu] Nkaedi no ase. Ɛrenkyɛ nnipa baasa begye asubɔ!”

Mfaso Horow ne Anigye

Afiase mpanyimfo ahu sɛ atuhoama adwuma yi so wɔ mfaso. Nea ɛma mpanyimfo no ani gye kɛse ne atuhoama adwuma yi so mfaso a ɛtra hɔ daa no. Amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Wɔ mfe du a saa dwumadi yi fii ase mu no, nneduafo a wɔbɔɔ wɔn asu sɛ Yehowa Adansefo wɔ afiase no mu biako mpo nsan mmaa afiase—ɛbɔ kuw afoforo mufo ɔha mu nkyem 50-60 a wɔsan ba afiase no abira.” Mfaso a efii Adansefo atuhoamafo dwumadi mu bae no kaa ɔsɔfo bi a ɔwɔ Idaho ma ɔkae wɔ krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no mu sɛ: “Ɛwom sɛ minnye mo nkyerɛkyerɛ ntom de, nanso m’ani agye mo ahyehyɛde no ho paa.”

Atuhoamafo no nso nya mmoa a wɔde ma wɔn a wɔwɔ afiase no so mfaso. Bere a atuhoamafo no mu biako ne nneduafo kuw bi yɛɛ nhyiam wiei na wɔtoo Ahenni dwom bere a edi kan koraa no, ɔkyerɛwee sɛ: “Nneduafo 28 a na wɔabom reto dwom ayi Yehowa ayɛ a na merehwɛ wɔn no hyɛɛ me nkuran kɛse. Wɔmaa wɔn nne so too dwom no! Hwɛ hokwan araa a ɛyɛ sɛ wobɛwɔ hɔ wɔ bere a ɛte saa!” Atuhoamani bi a na ɔresrasra afiase wɔ Arizona kae sɛ: “Hwɛ nhyira ara a yɛanya sɛ yenyaa adwuma titiriw yi mu kyɛfa!”

Adansefo a wɔyɛ atuhoamafo a wɔwɔ wiase nyinaa no ne Yesu a ɔkaa asɛm yi no yɛ adwene: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.” (Asomafo no Nnwuma 20:35) Wɔsan si so dua sɛ Bible afotusɛm a ɛka sɛ yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye a yebedi akyi no ma abotɔyam ampa.—Mmebusɛm 11:25.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Hwɛ dwom a ɛto so 85 wɔ Monto Ayeyi Nnwom mma Yehowa, nhoma a Yehowa adansefo tintimii no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Venezuela

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Taiwan

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Mozambique