Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So Na Gyina Asetram Nsakrae Ano
Fa Wo Ho To Onyankopɔn Honhom So Na Gyina Asetram Nsakrae Ano
“Bɔ mmɔden fa wo ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata.”—2 TIMOTEO 2:15.
1. Nsakrae ahorow bɛn na ɛde ɔhaw ba ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no so?
NSAKRAE ba wiase a yɛte mu no mu bere nyinaa. Yehu nkɔso a ɛyɛ nwonwa a aba wɔ nyansahu ne mfiridwuma mu ne abrabɔ pa a asɛe koraa no. Sɛnea yesusuw ho wɔ asɛm a edi kan no mu no, ɛsɛ sɛ Kristofo ko tia wiase honhom a ɛko tia Onyankopɔn no. Nanso, bere a wiase no sakra no, yɛn nso yɛsakra wɔ akwan pii so. Yefi mmofraberem bɛyɛ mpanyimfo. Yetumi nya sika, apɔwmuden, ne adɔfo anaasɛ yɛhwere saa nneɛma yi. Nsakrae a ɛte saa no mu pii na yentumi nyɛ ho hwee, na ebetumi de ɔhaw ahorow a emu yɛ den foforo aba ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no so.
2. Nsakrae ahorow bɛn na ɛbaa Dawid asetra mu?
2 Nnipa kakraa bi pɛ na wohyia nsakrae ahorow a emu yɛ den te sɛ nea Dawid, Yisai ba, no hyiae no. Dawid a na anka ɔyɛ abarimaa 2 Timoteo 2:15) Ɛwom sɛ yɛne Dawid nsɛm tebea nyɛ pɛ de, nanso yebetumi asua biribi afi sɛnea odii nneɛma ho dwuma wɔ n’asetram no mu. Ne nhwɛso no betumi aboa yɛn ma yɛate sɛnea yebetumi akɔ so anya Onyankopɔn honhom no mmoa bere a yehyia nsakrae ahorow wɔ yɛn asetram no.
guanhwɛfo a obiara nnim no begyee din ntɛm ara sɛ ɔman dɔmmarima. Akyiri yi ɔbɛyɛɛ oguanfo a ɔhene bi a ɔyɛ ahoɔyaw taa no so sɛ aboa. Ɛno akyi no, Dawid bɛyɛɛ ɔhene nkonimdifo. Ogyinaa nsɛm a ɛyɛ yaw a efi bɔne a anibere wom a ɔyɛe mu bae ano. Awerɛhosɛm ne mpaapaemu baa n’abusua mu. Onyaa ahode, ɔbɔɔ akwakoraa, na onyin mu mmerɛwyɛ kaa no. Nanso, nsakrae pii a ɛbaa Dawid asetram nyinaa akyi no, ɔde ne ho too Yehowa ne Ne honhom so ne nkwa nna nyinaa. Ɔbɔɔ mmɔden de ne ho gyinaa “Onyankopɔn anim sɛ nea ɔfata,” na Onyankopɔn hyiraa no. (Dawid Ahobrɛase—Ɛyɛ Nhwɛso Pa
3, 4. Ɛyɛɛ dɛn na Dawid a na anka obiara nnim no begyee din wɔ ɔman no mu?
3 Bere a na Dawid yɛ abarimaa no, na ɔnyɛ onipa titiriw wɔ n’ankasa abusua mu mpo. Bere a odiyifo Samuel baa Betlehem no, Dawid papa de ne mmabarima baawɔtwe no mu baason kyerɛɛ no. Wogyaw Dawid, ɔbabarima kumaa no wɔ wuram sɛ ɔnhwɛ nguan no. Nanso, na Yehowa apaw Dawid sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene daakye. Wɔfrɛɛ Dawid fii wuram bae. Afei, Bible kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na [Yehowa, NW] honhom sii Dawid so fi da no ara de rekɔ no.” (1 Samuel 16:12, 13) Dawid de ne ho too saa honhom no so ne nkwa nna nyinaa.
4 Na ɛrenkyɛ na abarimaa guanhwɛfo yi abegye din wɔ ɔman no mu. Wɔfrɛɛ no sɛ ɔnkɔsom ɔhene no na ɔmmɔ nnwom mma no. Okum ɔkofo Goliat, ɔbran a ne ho yɛ hu a na Israel asraafo a wonim akodi yiye mpo suro sɛ wɔne no bɛko no. Bere a wɔde Dawid dii asraafo no anim no, ɔne Filistifo no koe dii wɔn so nkonim. Nkurɔfo no ani gyee ne ho. Wɔtoo nnwom de kamfoo no. Ná Ɔhene Saul fotufo bi adi kan aka aberante Dawid ho asɛm sɛ ɔnyɛ obi a ‘onim sanku bɔ’ kɛkɛ, na mmom ‘ɔyɛ ɔbarima a ɔwɔ tumi ne ɔkofoni, na ohu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ.’—1 Samuel 16:18; 17:23, 24, 45-51; 18:5-7.
5. Dɛn na anka ebetumi ama Dawid ayɛ ahantan, na yɛyɛ dɛn hu sɛ wanyɛ saa?
5 Edin, ahoɔfɛ, ɔbabunyɛ, anotew, sankubɔ, sraadi mu mmɔdenbɔ, Onyankopɔn anim dom—ɛte sɛ nea na Dawid wɔ ne nyinaa bi. Na anka saa nneɛma yi mu biara betumi ama no ayɛ ahantan, nanso emu biara amma wanyɛ saa. Hyɛ mmuae a Dawid de maa Ɔhene Saul a ɔde ne babea maa Dawid aware no nsow. Dawid de ahobrɛase ankasa kae sɛ: “Hena ne me, na me nkwa, m’agya abusua ne dɛn wɔ Israel, na memmɛyɛ ɔhene sew?” (1 Samuel 18:18) Bere a nhomanimfo bi reka kyerɛwsɛm yi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Ná nea Dawid rekyerɛ ne sɛ onni biribi ketewaa bi mpo a obegyina so, sɛ́ ɛyɛ dibea, biribi a watumi ayɛ, anaa abusua a ofi mu, a ɛbɛma wafata sɛ ɔhene asew.”
6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ahobrɛase?
6 Ná Dawid ahobrɛase no gyina gye a ogye toom sɛ Yehowa korɔn koraa sen nnipa a wɔnyɛ pɛ wɔ akwan nyinaa so no so. Ɛyɛɛ Dawid nwonwa sɛ Dwom 144:3) Ná Dawid nim nso sɛ kɛse biara a ebia wayɛ no gyina odwo a Yehowa daa no adi, bɔɔ ne mu ase wowaw no, bɔɔ ne ho ban, na ɔhwɛɛ no so no so. (Dwom 18:35, Asante Twi Bible) Asuade a ɛyɛ fɛ ma yɛn bɛn ara ni! Ɛnsɛ sɛ ɔdom akyɛde, nneɛma a yɛatumi ayɛ, ne ɔsom mu hokwan biara a yɛwɔ ma yɛyɛ ahantan da. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na ɛdɛn na wowɔ a woannya? Na sɛ wunyae a, adɛn na wohoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ onya na wunyae?” (1 Korintofo 4:7) Ɛsɛ sɛ yesua ahobrɛase na yekura mu na ama yɛanya Onyankopɔn honhom kronkron ne n’anim dom.—Yakobo 4:6.
Onyankopɔn hu no anaasɛ odwen ne ho. (“Munnnidi Mo Ho Were”
7. Hokwan bɛn na Dawid nyae sɛ obekum Ɔhene Saul?
7 Bere a din a Dawid gyei amma wanyɛ ahantan no, ɛmaa Ɔhene Saul a na Onyankopɔn honhom afi ne so no twee ne ho ninkunu a ɛyɛ hu. Ɛwom sɛ na Dawid nyɛɛ mfomso biara de, nanso oguan de peree ne nkwa kɔtraa sare so. Bere bi a na Ɔhene Saul taa Dawid so denneennen no, ɔkɔɔ ɔbodan bi a na onnim sɛ Dawid ne n’ahokafo akohintaw mu no mu. Dawid mmarima no hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa hokwan a ɛte sɛ nea Onyankopɔn na ɔde ama no no nkum Saul. Yebetumi ayɛ wɔn ho mfonini wɔ yɛn adwenem bere a na wɔhyɛ sum no mu na wɔreka agu Dawid asom sɛ: “Hwɛ, da a [Yehowa, NW] ka kyerɛɛ wo sɛ: Hwɛ, mede wo tamfo mɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no sɛnea eye w’ani so no ni.”—1 Samuel 24:2-6.
8. Dɛn nti na Dawid hyɛɛ ne ho so a wantɔ were?
8 Dawid anyɛ Saul bɔne. Ɔdaa gyidi ne boasetɔ adi, na ofi ne pɛ mu de asɛm no hyɛɛ Yehowa nsa. Bere a ɔhene no fii ɔbodan no mu no, Dawid frɛɛ no kae sɛ: “[Yehowa, NW] mmu me ne wo ntam atɛn, na [Yehowa, NW] nnye m’aweretɔde wo nsam. Na me nsa de, ɛrenka wo.” (1 Samuel 24:12) Ɛwom sɛ na Dawid nim sɛ Saul asɛm nyɛ dɛ de, nanso wantɔ ne so were; na saa ara na wankasa antia no anaasɛ wanka ne ho asɛmmɔne. Mpɛn pii na Dawid hyɛɛ ne ho so a wanyɛ nea ɔno ankasa pɛ. Mmom no, ɔde ne ho too Yehowa so sɛ Yehowa ankasa ntoto nneɛma yiye.—1 Samuel 25:32-34; 26:10, 11.
9. Sɛ yehyia ɔsɔretia anaa ɔtaa a, dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi tua ka?
9 Te sɛ Dawid no, wubetumi ahyia tebea horow a emu yɛ den. Ebia wo sukuufo, mfɛfo adwumayɛfo, abusuafo, anaa afoforo a wɔne 1 Petro 3:1) Sɛnea ɛte biara no, nya awerɛhyem sɛ Yehowa hu wo tebea no na ɔbɛyɛ ho biribi n’ankasa bere mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Adɔfo, munnnidi mo ho were, na mmom munnyaw mma Onyankopɔn abufuw! Na wɔakyerɛw sɛ: Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka, [Yehowa, NW] na ɔka saa.”—Romafo 12:19.
wo nni gyidi biako bɛsɔre atia wo anaasɛ wɔataa wo. Nyɛ biribi ntua ka. Twɛn Yehowa, bisa ne honhom kronkron na ɛmmoa wo. Ebetumi aba sɛ wɔn a wonnye nni no ani begye w’abrabɔ pa no ho na wɔabɛyɛ gyidifo. (“Muntie Nteɛso”
10. Ɛyɛɛ dɛn na Dawid yɛɛ bɔne, na ɔkwan bɛn so na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛkata so?
10 Mfirihyia pii twaam. Dawid bɛyɛɛ ɔhene a wɔdɔ no a ogyee din kɛse. Gyidi soronko a ɔdaa no adi wɔ n’asetram ne nnwom a ɛyɛ dɛ a ɔkyerɛw de yii Yehowa ayɛ no betumi ama yɛasusuw sɛ na ɔbarima yi yɛ obi a ontumi nyɛ bɔne a anibere wom da. Nanso ɔyɛɛ bɔne. Da bi, ɔhene no fi ɔdan atifi huu ɔbea hoɔfɛfo bi a na ɔreguare. Obisaa n’ase. Dawid hui sɛ ɔbea no din de Bat-Seba, na ne kunu Uria kɔ ko no, ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ no maa ɔne no dae. Akyiri yi, ohui sɛ ɔbea no anyinsɛn. Sɛ na saa asɛm no bɛda adi a, hwɛ sɛnea na ɛbɛyɛ aniwu afa! Wɔ Mose Mmara no ase no, na awaresɛe yɛ bɔne a ɛfata owu. Ɔhene no susuwii sɛ wobetumi akata bɔne no so. Enti ɔde nkra kɔmaa asraafo no sɛ wɔmma Uria mmra Yerusalem. Dawid hwɛɛ kwan sɛ na Uria ne Bat-Seba bɛkɔ akɔda anadwo no, nanso amma saa. Afei Dawid a na ne ho yeraw no no san maa Uria kɔɔ akono ma ɔde krataa bi kɔmaa ɔsahene Yoab. Na ɛwɔ krataa no mu sɛ wɔmfa Uria nnyina baabi a ɛbɛma wɔakum no wɔ ɔko no mu. Yoab tiei, na wokum Uria. Bat-Seba wiee ne kunayɛ pɛ na Dawid kɔfaa no sɛ ne yere.—2 Samuel 11:1-27.
11. Asɛm bɛn na Natan ka kyerɛɛ Dawid, na Dawid yɛɛ n’ade dɛn?
11 Ɛyɛɛ sɛnea nhyehyɛe no ayɛ adwuma, nanso na anka ɛsɛ sɛ Dawid hu sɛ Yehowa ahu asɛm no nyinaa. (Hebrifo 4:13) Asram bi twaam, na wɔwoo abofra no. Afei, Onyankopɔn somaa odiyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Odiyifo no kaa ɔdefo bi a ɔwɔ nguan pii na ɔkɔfaa ohiani bi guan biako a n’ani gye ne ho kum no no ho asɛm kyerɛɛ ɔhene no. Asɛm no kanyan atɛntrenee ho adwene a Dawid wɔ no, nanso n’adwene ankɔ nea na asɛm no kyerɛ ankasa no so. Dawid buu ɔdefo no atɛn ntɛm ara. Ɔde abufuw ka kyerɛɛ Natan sɛ: “Ɔbarima a ɔyɛɛ eyi no sɛ owu.”—2 Samuel 12:1-6.
12. Atemmu bɛn na Yehowa de baa Dawid so?
12 Odiyifo no buae sɛ: “Wone ɔbarima no!” Ná Dawid abu ne ho atɛn. Akyinnye biara nni ho sɛ Dawid abufuw no bɛdanee aniwu ne awerɛhow kɛse ntɛm ara. Ɔde ahodwiriw tiee Natan bere a na ɔreka Yehowa atemmu a ɛbɛba no so ɔkwan biara so ho asɛm akyerɛ no no. Na awerɛkyekyesɛm biara nnim. Na Dawid nam bɔne a wayɛ no so abu Yehowa asɛm animtiaa. So na ɔmfaa atamfo nkrante nkum Uria? Na nkrante rempa Dawid fie. So 2 Samuel 12:7-12.
na ɔmfaa Uria yere ahintawee mu? Na bɔne a ɛte saa ara bɛba no so a ɛrenyɛ ahintawee mu, na mmom ɛbɛyɛ petee mu.—13. Dawid yɛɛ n’ade dɛn wɔ Yehowa nteɛso ho?
13 Adepa a Dawid yɛe ne sɛ wansan ne ti. Wankasa ankyerɛ odiyifo no abufuw so. Wammɔ afoforo sobo, na wammu ne ho bem wɔ nea na wayɛ no ho. Bere a wɔkaa Dawid bɔne kyerɛɛ no no, ogye toom kae sɛ: “Mayɛ [Yehowa, NW] bɔne.” (2 Samuel 12:13) Dwom 51 da ɛyaw a odii wɔ asɛm no ho ne ahonu kɛse a onyae no adi. Ɔsrɛɛ Yehowa sɛ: “Ntow me mfi w’anim nkyene, na nyi wo honhom kronkron mfi me so.” Na ogye di sɛ Yehowa a ɔwɔ mmɔborohunu no rempo “koma a abubu na apɛtɛw” wɔ bɔne ho no. (Dwom 51:11, 17) Dawid kɔɔ so de ne ho too Onyankopɔn honhom so. Bere a Yehowa ammɔ Dawid ho ban amfi nneɛma bɔne a ne bɔne no kɔfa bae ho no, ɔde ne bɔne no kyɛɛ no.
14. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ Yehowa nteɛso ho?
14 Yɛn nyinaa nyɛ pɛ, na yɛyɛ bɔne. (Romafo 3:23) Yebetumi ayɛ bɔne a anibere wom mmere bi sɛnea Dawid yɛe no. Sɛnea agya a ɔwɔ dɔ teɛ ne mma so no, saa ara na Yehowa teɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom no no so. Nanso, bere a mfaso wɔ nteɛso so no, ne gye nyɛ mmerɛw. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ “awerɛhowde.” (Hebrifo 12:6, 11) Nanso, sɛ ‘yetie nteɛso’ a, Yehowa betumi asan aka yɛn abata ne ho. (Mmebusɛm 8:33) Sɛ yɛbɛkɔ so anya Yehowa honhom no nhyira a, ɛsɛ sɛ yegye nteɛso tom na yɛbɔ mmɔden nya Onyankopɔn anim dom.
Mfa W’ani Nnto Ahonyade a Enni Hɔ Daa So
15. (a) Akwan bɛn so na nnipa binom de wɔn ahode di dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na na Dawid pɛ sɛ ɔde n’ahode di dwuma?
15 Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Dawid fi abusua a edi yiye anaasɛ wɔwɔ sika mu. Nanso, wɔ n’ahenni mu no, onyaa ahode pii. Sɛnea wunim no, nnipa pii de wɔn ahode sie, de anibere hwehwɛ pii ka ho, anaasɛ wɔde di dwuma wɔ pɛsɛmenkominya mu. Afoforo de wɔn sika hyɛ wɔn ho anuonyam. (Mateo 6:2) Dawid de n’ahode dii dwuma ɔkwan soronko so. Na ɔpɛ sɛ ɔhyɛ Yehowa anuonyam. Dawid kaa ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obesi asɔrefie ama Yehowa ma wɔde apam adaka no a saa bere no na ɛwɔ Yerusalem na ‘esi ntamadan mu’ no asi mu no ho asɛm kyerɛɛ Natan. Yehowa ani gyee Dawid nsusuwii no ho, nanso ɔnam Natan so ka kyerɛɛ no sɛ Dawid ba Salomo na obesi asɔrefie no ama no.—2 Samuel 7:1, 2, 12, 13.
16. Ahoboa bɛn na Dawid yɛe de maa asɔrefie no si?
16 Dawid boaboaa nneɛma a wɔde besi ɔdan kɛse yi ano. Dawid ka kyerɛɛ Salomo sɛ: “Masiesie [Yehowa, NW] fi no ho sika dwetikɛse peha ne dwetɛ dwetikɛse pepem, na kɔbere ne * (1 Beresosɛm 22:14; 29:3, 4) Na Dawid ntoboa a ofii ayamye mu yii no nyɛ ani so som na mmom na ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn mu gyidi ne ahofama a ɔdaa no adi. Bere a na onim n’ahode no Fibea no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi.” (1 Beresosɛm 29:14) Dawid ayamye kaa no ma ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa de boaa nokware som.
dade de, enni nkarii, efisɛ ɛdɔɔso pii pa, na nnua ne abo nso, masiesie, na wode ebi aka ho.” Ɔno ankasa fi ne foto mu yii ntoboa sika kɔkɔɔ talente 3,000 ne dwetɛ talente 7,000.17. Ɔkwan bɛn so na afotu a ɛwɔ 1 Timoteo 6:17-19 no fa adefo ne ahiafo nyinaa ho?
17 Saa ara na yebetumi de yɛn ahode ayɛ papa. Sɛ́ anka yebedi adedodowpɛ akyi no, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ Onyankopɔn anim dom—ɛno ne adeyɛ a nyansa ne anigye wom ankasa. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ahonyafo a wɔwɔ wi yi ase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so, sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsa nteɛ, na wɔmfa nhyehyɛ ase pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.” (1 Timoteo 6:17-19) Sɛnea yɛn sikasɛm te biara no, momma yɛmfa yɛn ho nto Onyankopɔn honhom so na yɛmmɔ ɔbra a ɛbɛma yɛayɛ ‘adefo Onyankopɔn fam.’ (Luka 12:21) Biribiara nni hɔ a ɛsom bo sen yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no anim dom a yebenya.
Fa Wo Ho Gyina Onyankopɔn Anim sɛ Nea Ɔfata
18. Ɔkwan bɛn so na Dawid yɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo?
18 Dawid hwehwɛɛ Yehowa anim dom ne nkwa nna nyinaa. Ɔtoo dwom sɛ: “Hu me mmɔbɔ, Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, na wo na me kra guan toa wo.” (Dwom 57:1) Ne ho a ɔde too Yehowa so no anyɛ ɔkwa. Dawid nyin bɔɔ akwakora, na “nna pii mee no.” (1 Beresosɛm 23:1) Ɛwom sɛ Dawid dii mfomso ahorow a anibere wom de, nanso wɔkae no sɛ Onyankopɔn adansefo a wɔdaa gyidi a ɛda nsow adi no mu biako.—Hebrifo 11:32.
19. Yɛbɛyɛ dɛn atumi de yɛn ho agyina Onyankopɔn anim sɛ nnipa a wɔfata?
19 Sɛ nsakrae ba w’asetram a, kae sɛ sɛnea Yehowa wowaw Dawid, hyɛɛ no den, na ɔteɛɛ ne so no, Obetumi ayɛ saa ara ama wo. Te sɛ Dawid no, nsakrae pii baa ɔsomafo Paulo asetra mu. Ɔno nso de ne ho too Onyankopɔn honhom so, na ɔkɔɔ so dii nokware. Ɔkyerɛwee sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:12, 13) Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, ɔbɛboa ma asi yɛn yiye. Ɔpɛ sɛ esi yɛn yiye. Sɛ yetie no na yɛbɛn no a, ɔbɛma yɛn ahoɔden a yɛde bɛyɛ n’apɛde. Na sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to Onyankopɔn honhom so a, yebetumi ‘de yɛn ho agyina Onyankopɔn anim sɛ nnipa a wɔfata’ nnɛ de akosi daa.—2 Timoteo 2:15.
[Ase hɔ asɛm]
^ nky. 16 Dawid ntoboa no bo bɛboro nnɛyi U.S. sika $1,200,000,000.
Wubebua Dɛn?
• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ yɛn ho yiye wɔ ahantan ho?
• Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtɔ were?
• Adwene bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ nteɛso ho?
• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so na ɛnyɛ ahonyade so?
[Adesua no ho Nsɛmmisa]
[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]
Dawid de ne ho too Onyankopɔn honhom so hwehwɛɛ n’anim dom. So woreyɛ saa?
[Mfonini wɔ kratafa 18]
“Wo nkyɛn na ne nyinaa fi, na wo nsam na yenyae na yɛde ama wo yi”