Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛpo Kɛse so Akwantu

Ɛpo Kɛse so Akwantu

Ɛpo Kɛse so Akwantu

NSUPƆW akɛse ne nketewa bɛboro 1,200 a emu dodow no ara kɔ soro sen ɛpo mita asia na ɛbom yɛ ɔman a wɔfrɛ no Marshall Islands no. Sɛ wutwa nsupɔw no ho a ɛnkyɛ na wunhu bio. Nanso, na tete Marshallfo a wɔyɛ po so adwuma no de wɔn akorow tumi fi supɔw ketewaa biako so kɔ supɔw ketewaa bi so. Ná wotumi hu wɔn kwan wɔ Pacific Po a ne kɛse yɛ kilomita ahinanan 2,000,000 no so. Ná wɔyɛ dɛn tumi hu kwan? Wɔde “asase mfonini” bi a wɔde prae ayɛ na etumi kyerɛ kwan yiye na edii dwuma.

Ná Marshallfo a wɔyɛ po so adwuma nam sɛnea ɛpo asorɔkye bobɔ so tumi hu sɛ, sɛ wɔkɔ wɔn anim bɛyɛ kilomita 30 a wɔbɛto asase. Ná ɛsɛ sɛ wosua sɛnea ɛpo bobɔ asorɔkye no ho ade pii. Ná asase mfonini a wɔde prae ayɛ no na ɛkaakae wɔn. Ná asase mfonini a wɔde prae ayɛ no te dɛn? Sɛnea wubetumi ahu ɛho mfonini no, na wɔkeka dua bi ntini anaa kube prae sisi anim de bi beabeae mu de gyina hɔ ma po asorɔkye. Na wɔde sedeɛ sisi asase mfonini no so de gyina hɔ ma nsupɔw no.

Mfe pii mu no, na ɛnyɛ nnipa biara kɛkɛ na wɔma wohu sɛnea wɔde asase mfonini a wɔde prae ayɛ no di dwuma, gye nnipa bi a wɔapaw wɔn nkutoo. Ná ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔresua po so adwuma no atumi ahu sɛnea wɔde asase mfonini a wɔde prae ayɛ no di adwuma? Gye sɛ wɔhyɛ da kyerɛ no ma ɔkɔ so de yɛ adwuma ansa. Ná po so dwumayɛni a ne ho akokwaw hyɛ da tete nea ɔresua adwuma foforo no kokoam, ebia ɔne no di nsupɔw a ɛbemmɛn no bi so akɔneaba. Sɛ nea ɔresua adwuma no tumi hyɛ ɛpo asorɔkye a egu ahorow no nsow a, otumi de asase mfonini no di dwuma a onsuro. Awiei koraa no, ɔno ankasa tumi di po no so akɔneaba a onsuro hwee.

Saa ara na Onyankopɔn Asɛm Bible no betumi akyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn asetram. Mfiase no, ebehia sɛ obi boa yɛn ma yɛte Kyerɛwnsɛm no ase. Afei bere a yɛkɔ so sua Onyankopɔn Asɛm na yɛde emu asɛm yɛ adwuma no, yenya nea ɛka no mu ahotoso. Wɔka kyerɛɛ Yosua a na ɔyɛ Israelfo kannifo no sɛ, onsua Onyankopɔn Asɛm bere nyinaa na ama watumi ‘ahwɛ ayɛ sɛnea wɔakyerɛw wɔ mu nyinaa te no.’ Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yosua sɛ: “Ɛno na wo kwan bɛyɛ dwoodwoo, na ɛno na ebesi wo yiye.” (Yosua 1:8) Nokwarem no, Bible betumi akyerɛ yɛn ɔkwan pa a yɛmfa so mmɔ yɛn bra na asi yɛn yiye wɔ yɛn asetram.

[Mfonini wɔ kratafa 32]

© Greg Vaughn