Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Asɛm Bi a Ɛfa Wo Ho

Asɛm Bi a Ɛfa Wo Ho

Asɛm Bi a Ɛfa Wo Ho

SO WOWƆ adamfo anaa obusuani bi a wobɛn no paa? Sɛ obi ka kyerɛ wo sɛ nea wunya fi ne nkyɛn nti na wo ne no bɔ a, dɛn na wobɛyɛ? So ɛrenyɛ wo yaw ma wo bo mfuw mpo? Saa pɛpɛɛpɛ na Satan Ɔbonsam akasa atia nnipa a wɔne Yehowa Nyankopɔn wɔ abusuabɔ pa nyinaa.

Susuw nea esii bere a Satan maa nnipa a wodi kan, Adam ne Hawa too Onyankopɔn mmara ma enti wɔne no tew Onyankopɔn so atua no ho hwɛ. So nea esii no kyerɛ sɛ, sɛ nnipa nya Yehowa ho mfaso nkutoo a na wɔbɛkɔ so atie no? (Genesis 3:1-6) Bere a Adam tew Onyankopɔn so atua bɛyɛ mfe 2,500 akyi no, Satan maa asɛm koro yi ara sɔree bio—saa bere yi de, na ɛfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiob ho. Esiane sɛ sobo a Ɔbonsam bɔe no ma yehu asɛm a esii no pefee nti, ma yensusuw ho wɔ Bible mu.

“Meremma Wonyi Me Mudi Mfi Me Ho”

Hiob yɛ “ɔbarima a odi mu na ɔteɛ, osuro Onyankopɔn, na oyi ne ho fi bɔne ho.” Nanso, Satan kaa Hiob nokwaredi ho asɛmmɔne. Obisaa Yehowa sɛ: “So ɔkwa ara na Hiob suro Onyankopɔn?” Ɛno akyi no, Ɔbonsam sopaa Onyankopɔn ne Hiob nyinaa bere a ɔkae sɛ ahobammɔ ne nhyira a Hiob nya fi Yehowa hɔ nti na odi no nokware no. Satan twaa Yehowa mpoa sɛ: “Afei teɛ wo nsa ka nea ɔwɔ nyinaa hwɛ, sɛ ɔrennome anaa!”—Hiob 1:8-11.

Nea ɛbɛyɛ na Yehowa abua asɛm yi no, ɔmaa Satan kwan sɛ ɔnsɔ Hiob nhwɛ. Esiane sɛ na Ɔbonsam pɛ sɛ Hiob gyae Onyankopɔn som nti, ɔde ɔhaw ahorow baa saa ɔbarima nokwafo no so ntoatoaso. Wowiaa Hiob ayɛmmoa nyinaa anaa wowuwui. Wokunkum Hiob asomfo ne ne mma nyinaa nso. (Hiob 1:12-19) So eyi maa Satan nyaa nea ɔpɛ? Dabi, ɛnte saa koraa! Ɛwom sɛ na Hiob nnim sɛ Ɔbonsam na ɔde sɔhwɛ yi nyinaa aba no so de, nanso ɔkae sɛ: ‘Yehowa na ɔde mae, Yehowa na wagye. Nhyira nka Yehowa din daa.’—Hiob 1:21.

Ɛno akyi no, Satan kɔɔ Yehowa anim, na Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Hiob da so kura mudi no mu ara, na woahwanyan me ahyɛ no sɛ mensɛe no kwa.’ (Hiob 2:1-3) Asɛm a ɛho hia paa ne sɛnea na Hiob bekura ne mudi mu—eyi hwehwɛ sɛ obi di Onyankopɔn nokware na ɔyɛ adetrenee bere nyinaa. Ebesii saa bere no, na Hiob da so ara kura ne mudi mu a ɔmpaa abaw. Nanso, na Ɔbonsam nsa nnya nnyenee.

Akyiri yi, Satan kaa asɛm bi a ɛfa adesamma nyinaa ho. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wɔde were pere were, na nea onipa wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra. Na afei teɛ wo nsa na ka ne dompe ne ne nam, sɛ ɔrennome wo anaa!” (Hiob 2:4, 5) Esiane sɛ Ɔbonsam ammɔ Hiob din, na mmom ɔkae sɛ “onipa” nti, Ɔbonsam kasa tiaa onipa biara nokwaredi. Nea na ɔrepɛ aka ne sɛ: ‘Onipa bɛfa ɔkwan biara so de apere ne nkwa. Sɛ wopɛ a, ma me kwan hwɛ sɛ merentumi ntwe onipa biara mfi wo ho anaa?’ So nnipa betumi adi Onyankopɔn nokware wɔ tebea horow nyinaa ne bere biara mu?

Yehowa maa Ɔbonsam kwan ma ɔde yare bɔne bɔɔ Hiob. Hiob huu amane araa ma ɔbɔɔ mpae sɛ, ɛbɛyɛ a anka onwu. (Hiob 2:7; 14:13) Nanso Hiob kae sɛ: “Meremma wonyi me mudi mfi me ho de bɛkɔ akosi sɛ megyaa mu.” (Hiob 27:5) Ɔdɔ a Hiob wɔ ma Onyankopɔn nti na ɔkaa saa, na na biribiara ntumi mma ɔnsesa n’adwene. Hiob daa no adi sɛ ɔyɛ ɔbarima nokwaredifo. Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] hyiraa Hiob awiei sen ne mfiase.” (Hiob 42:10-17) So nnipa binom ayɛ wɔn ade te sɛ Hiob? Dɛn na bere a abɛsen kɔ no ada no adi?

Sɛnea Wɔabua Asɛm No

Wɔ Bible mu nhoma a ɛne Hebrifo ti 11 mu no, ɔsomafo Paulo bobɔɔ mmarima ne mmea anokwafo pii a wɔtraa ase ansa na Kristosom reba no din. Ɔbɔɔ Noa, Abraham, Sara, ne Mose nso din. Afei ɔsomafo no toaa so sɛ: “Sɛ mereka . . . nkae no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me.” (Hebrifo 11:32) Onyankopɔn asomfo anokwafo yi a Paulo bobɔɔ wɔn din no dɔɔso araa ma, ɔfrɛɛ wɔn “adansefo mununkum kɛse.” Ɔde wɔn totoo mununkum kɛse ho. (Hebrifo 12:1) Efi tete no, nnipadɔm pii fi wɔn pɛ mu adi Yehowa Nyankopɔn nokware.—Yosua 24:15.

Onyankopɔn ankasa Ba, Yesu Kristo na wabua Satan asɛm a ɛne sɛ obetumi adan nnipa afi Yehowa ho no yiye paa. Owu yayaw a ohyiae wɔ asɛndua so nyinaa akyi no, ɔkɔɔ so dii Nyankopɔn nokware. Bere a Yesu rewu no, ɔteɛm sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.”—Luka 23:46.

Bere a abɛsen kɔ no ama ada adi pefee sɛ Ɔbonsam ntumi nnanee nnipa nyinaa mfii nokware Nyankopɔn no ho. Nnipa pii abehu Yehowa na ‘wɔde wɔn koma nyinaa ne wɔn kra nyinaa ne wɔn adwene nyinaa adɔ’ no. (Mateo 22:37) Nokware a wɔadi ama Yehowa no ama Satan asɛm a ɔkae sɛ nnipa ntumi nni Onyankopɔn nokware no ayɛ atoro. Wo nso wubetumi adi nokware de akyerɛ sɛ Ɔbonsam yɛ ɔtorofo.

Dɛn na Ɛsɛ sɛ Woyɛ?

Onyankopɔn pɛ sɛ “wogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.” (1 Timoteo 2:4) Wobɛyɛ dɛn ayɛ saa? Gye bere sua Bible no na ‘nya nokware Nyankopɔn koro pɛ no, ne nea ɔsomaa no, Yesu Kristo, ho nimdeɛ.’—Yohane 17:3.

Satan gyee adwene a nnipa de som Onyankopɔn no ho kyim ma enti ɔkasa tiaa nnipa nokwaredi. Sɛ nimdeɛ betumi anya w’adwene so tumi a, ɛsɛ sɛ ɛka wo koma. Sɛ wubetumi ayɛ eyi a, ehia sɛ woyɛ pii sen sɛ wubehu Bible mu nsɛm ara kwa. Fa yɛ wo su sɛ wobedwennwen nea wusua no ho. (Dwom 143:5) Sɛ worekenkan Bible no anaa Bible ho nhoma ahorow a, hwɛ hu sɛ wubegye bere asusuw nsɛmmisa te sɛ nea edidi so yi ho: ‘Dɛn na eyi ma mihu fa Yehowa ho? Onyankopɔn su bɛn na ɛda adi wɔ ha? Nneɛma bɛn mu na ebehia sɛ meyɛ m’ade sɛɛ? Dɛn na Onyankopɔn pɛ anaa ɔmpɛ? Ɛno ka sɛnea mete nka wɔ Onyankopɔn ho no dɛn?’ Nsɛm yi a wubedwennwen ho no bɛma ɔdɔ ne anisɔ a wowɔ ma wo Bɔfo no ayɛ kɛse.

Ɛnyɛ ɔsom ho nkutoo na yebetumi adi Onyankopɔn nokware. (1 Ahene 9:4) Yehowa Nyankopɔn a wubedi no nokware no hwehwɛ sɛ wobɔ bra pa wɔ biribiara a woyɛ mu. Na nokware a wubedi no remma wonhwere hwee. Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn,” na ɔpɛ sɛ wo nso w’ani gye wɔ asetram. (1 Timoteo 1:11) Afei susuw nneɛma bi a ɛsɛ sɛ wokwati na ama wo ho atew sɛnea ɛbɛyɛ a w’ani begye na woanya Onyankopɔn anim dom no ho hwɛ.

Mfa Wo Ho Nhyɛ Nna Mu Ɔbrasɛe Mu

Yehowa ankasa ahyehyɛ aware ho gyinapɛn wɔ n’Asɛm Bible mu sɛ: “Ɔbarima begyaw n’agya ne ne na, na ɔde ne ho akɔbata ne yere ho, na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Genesis 2:21-24) Esiane sɛ awarefo abɛyɛ “ɔhonam koro” nti, sɛ wɔne wɔn hokafo nkutoo nya nna mu nkitahodi a, ɛhyɛ aware nhyehyɛe a Onyankopɔn ayɛ no anuonyam. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mo nyinaa mma aware ho mmra nyam, na munngu aware mpa ho fĩ, efisɛ Onyankopɔn bebu aguamammɔfo ne awaresɛefo atɛn.” (Hebrifo 13:4) “Aware mpa” a wɔde di dwuma wɔ ha no gyina hɔ ma nna mu nkitahodi a ɛkɔ so wɔ ɔbarima ne abea a wɔaware mmara kwan so no ntam. Sɛ wɔn mu biara fi ne yɔnko akyi ne onipa foforo kɔda a, ɛyɛ awaresɛe, na Onyankopɔn bebu onii no atɛn.—Malaki 3:5.

Ɔbarima ne ɔbea a wɔnwaree ntam nna nso ɛ? Ɛno nso tia Yehowa mmara. Bible ka sɛ: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, . . . sɛ mobɛtwe mo ho afi aguamammɔ ho.” (1 Tesalonikafo 4:3) Ɔbarima a ɔne ɔbarima da, obi a ɔne ne nua da, ne obi a ɔne aboa da nso yɛ bɔne a etia Onyankopɔn. (Leviticus 18:6, 23; Romafo 1:26, 27) Ɛsɛ sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani na n’ani gye ankasa wɔ asetram no twe ne ho fi bra bɔne ho.

Nneyɛe a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ a wɔn a wɔnwaree de wɔn ho hyem nso ɛ? Yehowa kyi nneyɛe a ɛte saa. (Galatifo 5:19) Ɛnsɛ sɛ yedwennwen nneɛma a ɛho ntew ho nso. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.” (Mateo 5:28) Saa nsɛm no nso fa ɔbarima ne ɔbea a wɔabɔ adagyaw mfonini a ɛwɔ nhoma mu, sini, television, anaa Intanɛt so a obi bɛhwɛ ho; nna ho nsɛm a obi bɛkenkan; ne afei nnwom a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ a obi betie ho. Sɛ obi amfa ne ho anhyɛ nneɛma a ɛte saa mu a, ɛsɔ Onyankopɔn ani na ɛma n’ani gye wɔ asetram.

Ade foforo nso ne ɔbarima ne ɔbea a wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn ho de kanyan nna ho akɔnnɔ. Sɛ ɔbarima anaa ɔbea a waware fi ne hokafo akyi de ne ho kɔhyehyɛ obi a, etia Bible mmara na ɛnkyerɛ obu mma Yehowa. (Efesofo 5:28-33) Hwɛ sɛnea ɛmfata koraa sɛ obi a ɔnwaree bɛkyerɛ ɔfoforo ho dɔ de agyegye n’ani! Na sɛ obi fa no aniberesɛm nso ɛ? Susuw sɛnea ebetumi ahaw onipa no afa ho. Aniberesɛm a ɛyɛ nso ne sɛ ahohyehyɛ a ɛte saa no betumi akowie awaresɛe anaa aguamammɔ mu. Nanso, sɛ ɔbea ne ɔbarima di nsɛm wɔ ahotew mu a, ɛma wonya obu kɛse.—1 Timoteo 5:1, 2.

Nneɛma Afoforo a Yɛyɛ a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani

Mmosa abu so wɔ aman pii so. So ɛyɛ bɔne sɛ obi bɛnom bi? Bobesa, bia, anaa mmosa foforo biara a obi bɛnom no sɛnea ɛsɛ no ntia Kyerɛwnsɛm no. (Dwom 104:15; 1 Timoteo 5:23) Nanso Onyankopɔn kyi asanom bebrebe ne asabow. (1 Korintofo 5:11-13) Akyinnye biara nni ho sɛ worempɛ sɛ asanom bebrebe bɛsɛe w’apɔwmuden ne w’abusua.—Mmebusɛm 23:20, 21, 29-35.

Yehowa yɛ “nokware Nyankopɔn.” (Dwom 31:5) Bible ka sɛ: “Onyankopɔn ntumi nni atoro.” (Hebrifo 6:18) Sɛ wopɛ sɛ wosɔ Onyankopɔn ani a, worenni atoro. (Mmebusɛm 6:16-19; Kolosefo 3:9, 10) Bible tu Kristofo fo sɛ, “Mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.”—Efesofo 4:25.

Ade foforo nso ne kyakyatow. Ɛwom sɛ nnipa bebree ani gye kyakyatow ho de, nanso ɛyɛ adifudepɛ, efisɛ obi nam nea afoforo ahwere so nya ne ho. Yehowa ani nnye “adifudepɛfo apoobɔfo” ho. (1 Timoteo 3:8) Ɛnde, sɛ wopɛ sɛ wosɔ Yehowa ani a, woremfa wo ho nhyɛ kyakyatow biara te sɛ loto, bingo, ne nkyia a wɔto wɔ pɔnkɔ mmirika ho mu. Sɛ woamfa wo ho anhyɛ mu a, wubenya sika pii de ahwɛ w’abusua.

Sɛ wofa obi ade a, ɛyɛ korɔnbɔ, na ɛno nso yɛ adifudepɛ. Bible ka sɛ: “Nwia ade.” (Exodus 20:15) Ɛyɛ bɔne sɛ wobɛtɔ biribi a wunim sɛ obi akowia. Sɛ wofa obi ade bere a onnim ho hwee a, ɛno nso yɛ bɔne. Bible ka sɛ: “Mma ɔkorɔmfo nnwia ade bio, na mmom ɔnyɛ adwumaden, mfa ne nsa nyɛ adwuma pa, na ama wanya biribi a ɔde bɛma nea ahia no.” (Efesofo 4:28) Sɛ́ anka wɔn a wɔdɔ Yehowa bɛfa wɔn adwumawura bere de ayɛ ade foforo no, wɔde nokwaredi yɛ adwuma da mũ no nyinaa. Wɔpɛ sɛ ‘wɔde nokwaredi bɔ wɔn bra wɔ biribiara mu.’ (Hebrifo 13:18) Ahonim pa ma obi nya asomdwoe.

Onyankopɔn bu obi a ɔwɔ koko bɔne no dɛn? Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Wo ne obufufafo mmfa ɔyɔnko, na wo ne ɔbarima niberefo mmɔ.” (Mmebusɛm 22:24) Sɛ obi bo fuw denneennen a, ɛtaa ma ɔyɛ basabasa. (Genesis 4:5-8) Bible ka aweredi ho asɛm sɛ: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. Monnwene nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ nnipa nyinaa ani so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, mo ne nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu. Adɔfo, munnni mo ho werɛ, na mmom munnyaw mma Nyankopɔn abufuw; efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Aweredi wɔ me; me ara metua ka, Yehowa na ose.’” (Romafo 12:17-19) Sɛ yɛde saa afotu no yɛ adwuma a, yɛn asom bedwo yɛn pii, na ɛno bɛma yɛanya anigye kɛse.

Wubetumi Ayɛ Nea Ɛteɛ

Ɛmfa ho nhyɛso a wuhyia no, so wubetumi adi Onyankopɔn nokware? Yiw, wubetumi. Hu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wudi nokware de kyerɛ sɛ Satan yɛ ɔtorofo, efisɛ N’Asɛm ka sɛ: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora.”—Mmebusɛm 27:11.

Wubetumi abɔ Yehowa mpae ma wahyɛ wo den ma woayɛ nea ɛteɛ wɔ n’ani so. (Filipifo 4:6, 7, 13) Enti bɔ mmɔden sɛ wubenya Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu nimdeɛ pii. Nea wusua fi Bible mu a wobɛkɔ so adwennwen ho no bɛma ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn no ayɛ kɛse na aka wo ma woayɛ nea ɛsɔ n’ani. Yohane nhoma a edi kan ti 5:3 ka sɛ, “Eyi ne nea Nyankopɔn dɔ kyerɛ, sɛ yebedi n’ahyɛde so; nanso n’ahyɛde nyɛ den.” Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woasua Bible no. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ hwehwɛ wɔn wɔ baabi a wote anaa wubetumi akyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi no.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Hiob dii nokware wɔ sɔhwɛ mu

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ pii a wubenya no bɛhyɛ wo den ma woayɛ nea ɛteɛ