Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Ɔtemmufo Betumi Atie Afotu?

So Ɔtemmufo Betumi Atie Afotu?

So Ɔtemmufo Betumi Atie Afotu?

NÁ ƐSƐ sɛ Sladjana a ɔyɛ Yehowa Dansefo a ɔwɔ Croatia no kɔ asɛnnibea kɔka sika bi ho asɛm. Oduu asɛnnibea hɔ ntɛm. Nanso, asɛnnibea hɔ somafo no annu hɔ ntɛm. Ná Sladjana pɛ sɛ odi adanse, enti bere a obiara te hɔ retwɛn no, onyaa akokoduru kasa kyerɛɛ ɔtemmufo no.

Obisaa ɔtemmufo no sɛ: “Owura, wunim sɛ aka kakraa bi na asɛnnibea ne atemmufo nni asase yi so bio?” Nokwarem no, ɛyɛ atemmufo a wɔwɔ hɔ nnɛ ho asɛm na na ɔreka.

Ɔtemmufo no ho dwiriw no ma ɔhwɛɛ Sladjana dinn a wantumi anka hwee. Afei, wofii ase dii asɛm no. Bere a wodii asɛm no wiei na Sladjana sɔree sɛ ɔde ne nsa rekɔhyɛ krataa bi ase no, ɔtemmufo no bɔɔ ne mu ase bisaa no brɛoo sɛ: “So asɛm a woka kyerɛɛ me no yɛ nokware ampa sɛ aka kakraa bi na asɛnnibea ne atemmufo nni asase yi so bio?”

Sladjana kae sɛ: “Yiw, Owura, ɛyɛ nokware turodoo!”

Ɔtemmufo no bisaa no sɛ: “Adanse bɛn na wowɔ a ɛkyerɛ sɛ nea woreka no yɛ nokware?”

Sladjana buaa no sɛ: “Wubehu adanse yi wɔ Bible mu?”

Ɔtemmufo no kae sɛ ɔpɛ sɛ ɔno ankasa kan saa asɛm no wɔ Bible mu, nanso na onni Bible. Enti, Sladjana kae sɛ ɔbɛbrɛ no bi. Adansefo no kɔsraa ɔtemmufo no maa no Bible no bi, na wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔmma wɔne no nsua Bible no dapɛn biara. Ɔtemmufo no penee so, na ankyɛ koraa na ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo.

Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Dwom 2:10 no ka sɛ: “Afei, ahene, munhu nyansa. Asase so atemmufo, muntie afotu.” Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ nnipa a wɔte saa brɛ wɔn ho ase tie Yehowa akwankyerɛ a ofi ɔdɔ mu de ma no!

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Sladjana ne ɔtemmufo no