Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awerɛhosɛm a Awofo Werɛ Mfi Da

Awerɛhosɛm a Awofo Werɛ Mfi Da

Awerɛhosɛm a Awofo Werɛ Mfi Da

NNANSA yi, obi bisabisaa nkurɔfo a wɔn adɔfo awuwu nsɛm. Ná ɔpɛ sɛ ohu sɛnea sɛ nkurɔfo adɔfo wu na ɛbere kakra twam a, wɔte nka wɔ wɔn adɔfo no wu no ho. Ɔkyerɛw nsɛmmisa bi kɔmaa awofo a na wɔn mma wuwui akyɛ kakra no sɛ wommua. Awofo no bi antumi ammua nsɛmmisa no. Agya bi a wɔfrɛ no Vladimir a na ne babarima awu mfe anum no kae sɛ, ɛda so ara yɛ den ma no paa sɛ ɔbɛka ne ba no ho asɛm. *

Ɛnyɛ nwonwa sɛ awofo a wɔn ba awu bɛkɔ so adi awerɛhow bere tenten saa. Mfe du ni a nsu faa William babarima a na wadi mfe 18 no. William kyerɛwee sɛ, “Meda so ara di me ba no wu ho awerɛhow, na me werɛ remfi da kosi sɛ mewu.” Yare bi bɔɔ Lucy babarima mpofirim ma owui. Mfe anum akyi no, Lucy kyerɛwee sɛ: “Me ba no wui akyi nna kakraa bi no, na m’adwene yɛ me sɛ, ‘Ɛnyɛ nokware sɛ wawu.’ Ɛyɛɛ me te sɛ nea mereso dae bɔne bi, na ɛrenkyɛ na manyan. Bere bi akyi no, mibehui sɛ me ba no awu ampa, na ɔrensan mma bio. Me ba no wui no mfe anum ni, nanso ɛtɔ mmere bi na ɛka me nkutoo a, misu no.”

Dɛn nti na awofo bi te sɛ Vladimir, William, ne Lucy, di awerɛhow kɛse, na wɔn werɛ mfi wɔn mma a wɔawuwu no? Ma yensusuw nea enti a ɛte saa no bi ho nhwɛ.

Dɛn Nti na Wodi Awerɛhow Pii Saa?

Sɛ wɔwo akokoaa to abusua bi mu a, anigye a awofo no nya no kyɛn anigye biara a wonya wɔ wɔne nnipa foforo ntam abusuabɔ mu. Wɔn ba ketewaa no a wogyigye no agoru, wɔdeda no, anaasɛ wɔhwɛ no bere a ɔreserew no ma wonya anigye ne abotɔyam a enni kabea. Awofo a wɔwɔ ɔdɔ ani kũ wɔn mma ho. Wɔtete wɔn ma wobu bra pa na wobu ade. (1 Tesalonikafo 2:7, 11) Sɛ mmofra tie wɔn awofo asɛm a, awofo no nya abotɔyam, na wofi ase nya anidaso kɛse sɛ mmofra no benyin abɛyɛ mpanyin pa.

Awofo a wodwen wɔn mma ho yɛ adwumaden de hwɛ wɔn. Ebi mpo a, wosie sika anaa agyapade bi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi de aboa wɔn mma no ma wɔakyekye wɔn ankasa abusua daakye. (2 Korintofo 12:14) Nea enti a awofo dwen wɔn mma ho, nya wɔn ho bere, brɛ wɔn ho, na wɔbɔ wɔn ho ka ne sɛ wɔbɛtete wɔn ma wɔatra nkwa mu, na ɛnyɛ sɛ wobewu. Sɛ abofra bi wu a, awofo no tirim a wɔabɔ sɛ wɔbɛtete abofra no ma wanyin no ba awiei, na nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ ma abofra no yɛ ɔkwa. Owu ma awofo no nsɛm nyinaa ka wɔn tirim, na ɛma ɔdɔ ne abadae a wɔwɔ ma wɔn ba no nyinaa yɛ kwa. Esiane sɛ na wɔn babarima anaa wɔn babea no da wɔn koma so nti, ne wu no ma wɔn koma bubu. Awofo no di awerɛhow kɛse, na ɛyɛ den sɛ wɔn werɛ befi.

Bible ka sɛ, awofo a wɔn mma awuwu di awerɛhow kɛse bere nyinaa. Bible ka nea tete agya Yakob yɛe bere a ɔtee sɛ ne ba Yosef awu no ho asɛm. Ɛka sɛ: “Yakob sunsuanee ne ntade mu, na ɔde atweaatam bɔɔ n’asen, na osuu ne ba no kyɛe. Na ne mmabarima nyinaa ne ne mmabea nyinaa sɔree sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ, nanso wamma wɔankyekye ne werɛ, na ose: Mede awerɛhow yi ara mɛkɔ me ba nkyɛn wɔ asaman [anaa, ɔdamoa mu].” Mfe bi akyi no, na Yakob da so ara di ne ba a na osusuw sɛ wawu no ho awerɛhow. (Genesis 37:34, 35; 42:36-38) Nhwɛso foforo nso a ɛwɔ Bible mu ne nea ɛtoo ɔbea nokwafo bi a wɔfrɛ no Naomi a ne mmabarima baanu wui no. Ne werɛ howee araa ma na ɔpɛ sɛ ɔsesa ne din Naomi a ase ne “Nea wɔadom no” no ma wɔfrɛ no Mara a ase ne “Nwenenwene.”—Rut 1:3-5, 20, 21.

Nanso, ɛnyɛ awerɛhow a awofo di nkutoo ho asɛm na Bible ka. Ɛsan ka sɛnea Yehowa hyɛ wɔn a wɔredi awerɛhow no den ho asɛm nso. Yebesusuw akwan a Onyankopɔn fa so kyekye wɔn a wodi awerɛhow no werɛ no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔasesa edin no bi.