Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun—Munnyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano

Mmabun—Munnyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano

Mmabun—Munnyina Atipɛnfo Nhyɛso Ano

‘Momma nkyene mmra mo kasa mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.’—KOL. 4:6.

1, 2. Mmabun pii te nka dɛn wɔ wɔn ho a wɔbɛda no adi sɛ wɔyɛ soronko no ho, na dɛn ntia?

AKYINNYE biara nni ho sɛ, ɛnyɛ te nko na woate asɛm a ɛne “atipɛnfo nhyɛso,” na mmom woahyia bi pɛn. Ebia obi aka akyerɛ wo pɛn sɛ yɛ biribi a wunim sɛ enye. Sɛ ɛba saa a, wote nka dɛn? Christopher a wadi mfe 14 no ka sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a, me yam a na anka mayera afi hɔ, anaasɛ mayɛ ade a me sukuufo a wɔaka no yɛ no bi na amma manyɛ soronko wɔ wɔn mu.”

2 So w’atipɛnfo nneyɛe hyɛ wo so denneennen? Sɛ ɛte saa a, dɛn ntia? So ebetumi aba sɛ wopɛ sɛ wogye wo tom? Ɛnyɛ bere nyinaa na ɛyɛ mfomso sɛ wobɛte nka saa. Nokwarem no, mpanyimfo nso ani gye ho sɛ wɔn atipɛnfo begye wɔn atom. Obiara nni hɔ a n’ani gye ho sɛ afoforo bɛpo no, sɛ́ ɔyɛ abofra anaa ɔpanyin. Nanso, nokwasɛm ne sɛ, sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, ɛnyɛ bere nyinaa na afoforo ani begye wo ho. Yesu mpo hyiaa tebea a ɛte saa. Nanso, Yesu yɛɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. Bere a ebinom dii Onyankopɔn Ba no akyi na wɔbɛyɛɛ n’asuafo no, afoforo de, wobuu no animtiaa na ‘wɔamfa no anyɛ hwee.’—Yes. 53:3.

Atipɛnfo Nhyɛso—Ano Yɛ Den Dɛn?

3. Dɛn nti na ɛyɛ mfomso sɛ wobɛyɛ nea w’atipɛnfo pɛ?

3 Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi anya adwene sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ nea w’atipɛnfo yɛ no bi sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wo atom. Ɛyɛ mfomso sɛ wobɛyɛ saa. Ɛnsɛ sɛ Kristofo ‘yɛ nkokoaa a asorɔkye de wɔn di akɔneaba.’ (Efe. 4:14) Ɛnyɛ den koraa sɛ afoforo betumi anya mmofra nkumaa so nkɛntɛnso. Nanso, seesei a woyɛ ɔbabun yi, ɛrenkyɛ wobɛyɛ ɔpanyin. Enti, sɛ wugye di sɛ Yehowa gyinapɛn bɛboa wo a, eye sɛ wode nea wugye di no bɔ wo bra. (Deut. 10:12, 13) Sɛ woamfa nea wugye di ammɔ wo bra a, ɛnde na wunnim nea woreyɛ. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ afoforo hyɛ wo ma woyɛ nea wɔpɛ a, wɔde wo bɛyɛ abaduaba agoru wo ho.—Monkenkan 2 Petro 2:19.

4, 5. (a) Ɛyɛɛ dɛn na atipɛnfo nhyɛso nyaa Aaron so nkɛntɛnso, na dɛn na wubetumi asua afi eyi mu? (b) Akwan bɛn na w’atipɛnfo betumi afa so ahyɛ wo so?

4 Bere bi, atipɛnfo nhyɛso nyaa Mose nuabarima Aaron so nkɛntɛnso. Bere a Israelfo no ka kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ onyame mma wɔn no, ɔyɛe. Ná Aaron nyɛ ohufo. Ná wadi kan ne Mose akohyia Farao a ɔyɛ onipa a na ɔwɔ tumi sen biara wɔ Egypt no. Saa bere no, Aaron de akokoduru kaa asɛm a Onyankopɔn de somaa wɔn no kyerɛɛ Farao. Nanso, bere a Aaron mfɛfo Israelfo hyɛɛ no so no, ɔyɛɛ nea wɔkae no. Hwɛ sɛnea atipɛnfo nhyɛso wɔ tumi kɛse! Ɛyɛɛ den kɛse maa Aaron sɛ obegyina ne mfɛfo nhyɛso ano sen sɛ obegyina Egypt hene no anim.—Ex. 7:1, 2; 32:1-4.

5 Sɛnea Aaron asɛm no ma yehu no, ɛnyɛ mmofra nkutoo na wohyia atipɛnfo nhyɛso, na saa ara nso na ɛnyɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ bɔne nkutoo na etumi nya wɔn so nkɛntɛnso. Atipɛnfo nhyɛso betumi anya wɔn a wofi wɔn komam pɛ sɛ wɔyɛ nea ɛteɛ mpo so nkɛntɛnso, a wo nso woka ho. Ebia w’atipɛnfo bɛbɔ mmɔden sɛ wobegye wo kyim, wɔbɛbɔ wo sobo, anaasɛ wobedi wo ho fɛw de ahyɛ wo ma woayɛ adebɔne. Ɔkwan biara a atipɛnfo nhyɛso fa so ba no, ano gyina yɛ den. Sɛ wubetumi agyina ano yiye a, ɛsɛ sɛ wunya nea wugye di mu ahotoso.

“Monkɔ so Mpɛɛpɛɛ Mo Mu Nhwɛ”

6, 7. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ wunya nea wugye di mu ahotoso, na wobɛyɛ dɛn atumi anya? (b) Nsɛm bɛn na wubetumi abisa wo ho de ahyɛ ahotoso a wowɔ no mu den?

6 Sɛ wubetumi agyina atipɛnfo nhyɛso ano a, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wunya ahotoso sɛ nea wugye di ne wo gyinapɛn teɛ. (Monkenkan 2 Korintofo 13:5.) Sɛ ebia woyɛ obi a osuro ade mpo a, ahotoso a wubenya no bɛboa wo ma woanya akokoduru. (2 Tim. 1:7, 8) Nanso, sɛ obi wɔ akokoduru mpo na onni nea ogye di mu ahotoso papa a, ebetumi ayɛ den ama no sɛ ɔbɛyɛ nea ogye di no. Sɛ ɛte saa a, ɛnde dɛn nti na wompɛɛpɛɛ wo mu nhwɛ sɛ nea wɔde Bible akyerɛkyerɛ wo no yɛ nokware ampa? Fi ase hwehwɛ mfitiase nkyerɛkyerɛ a ɛwɔ Bible mu no mu. Sɛ nhwɛso no, wugye Onyankopɔn di, na woate sɛ nkurɔfo reka nea enti a wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ho asɛm. Sɛ ɛte saa a, ɛnde bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na ɛma migye di paa sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ?’ Ɛnyɛ sɛ woregye kyim sɛ Onyankopɔn nni hɔ nti na wubisa saa asɛm no, na mmom, sɛ ɛbɛhyɛ wo gyidi den. Saa ara na wubetumi abisa wo ho nso sɛ, ‘Dɛn na ɛma mihu sɛ Kyerɛwnsɛm no fi Onyankopɔn honhom mu?’ (2 Tim. 3:16) ‘Dɛn na ɛma migye di sɛ yɛte “nna a edi akyiri” no mu?’ (2 Tim. 3:1-5) ‘Dɛn na ɛma migye di sɛ Yehowa gyinapɛn boa me?’—Yes. 48:17, 18.

7 Ebia wubesusuw sɛ worennya nsɛmmisa a ɛtete saa ho mmuae, enti wobɛtwentwɛn wo nan ase sɛ wubebisa. Nanso, sɛ woyɛ saa a, ɛbɛyɛ te sɛ nea woreka kar a wompɛ sɛ wohwɛ adwinnade a ɛma wuhu pɛtro dodow a aka wɔ kar no mu, efisɛ wusuro sɛ sɛ wohwɛ a wubehu sɛ abaa no da baabi a wɔakyerɛw hɔ sɛ “Asa” no! Sɛ pɛtro nni kar no mu a, ɛsɛ sɛ wuhu, sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ayɛ ho biribi. Saa pɛpɛɛpɛ na sɛ wunni ahotoso a, ɛyɛ papa sɛ wuhu na ama woatumi ayɛ ho biribi.—Aso. 17:11.

8. Kyerɛkyerɛ sɛnea wubetumi ahyɛ ahotoso a wowɔ wɔ Onyankopɔn ahyɛde a ɛne sɛ yɛntwe yɛn ho mfi aguamammɔ ho no mu den no mu.

8 Susuw nhwɛso bi ho hwɛ. Bible tu wo fo sɛ ‘guan aguamammɔ.’ Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na nyansa wom sɛ medi saa ahyɛde no so?’ Susuw nea enti a w’atipɛnfo de wɔn ho hyɛ saa abrabɔ no mu no nyinaa ho hwɛ. Afei nso, susuw nea enti a obi a ɔbɔ aguaman no “yɛ n’ankasa nipadua bɔne” no ho hwɛ. (1 Kor. 6:18) Sɛ wuwie a, susuw emu biara ho, na bisa wo ho sɛ: ‘Emu nea ɛwɔ he na eye paa sɛ mede bɔ me bra? So mfaso wɔ so ankasa sɛ mede me ho bɛhyɛ nna mu ɔbrasɛe mu?’ Dwinnwen asɛm no ho kɔ akyiri, na bisa wo ho sɛ, ‘Sɛ mede me ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu a, ɛbɛka me dɛn?’ Ebia mfiase no w’atipɛnfo binom begye wo atom de, nanso akyiri yi, sɛ wo ne w’awofo anaa wo mfɛfo Kristofo wɔ Ahenni Asa so a, wobɛte nka dɛn? Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛbɔ Onyankopɔn mpae a, wobɛte nka dɛn? So w’ani begye ho ankasa sɛ wobɛsɛe gyinabea pa a wowɔ wɔ Onyankopɔn anim no sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsɔ w’atipɛnfo ani?

9, 10. Ɔkwan bɛn so na ahotoso a wowɔ wɔ nea wugye di mu no betumi aboa wo ma woanya ahotoso kɛse bere a wo ne w’atipɛnfo wɔ hɔ?

9 Sɛ wowɔ wo mpanyin afe so a, adu bere a ‘w’adwene’ renyin ntɛmntɛm sen bere biara wɔ w’asetena mu. (Monkenkan Romafo 12:1, 2.) Fa saa bere yi susuw sɛnea Yehowa Dansefo a woyɛ no som bo ma wo no ho yiye. Sɛ wususuw nneɛma ho wɔ ɔkwan a ɛte saa so a, ɛbɛboa wo ma ahotoso a wowɔ wɔ nea wugye di mu no mu ayɛ den. Afei, sɛ wuhyia atipɛnfo nhyɛso a, wubetumi de ahotoso agyina ano ntɛm ara. Wobɛte nka te sɛ nea onuawa Kristoni ababaa bi tee nka no. Ɔkae sɛ: “Sɛ migyina atipɛnfo nhyɛso ano a, na nea mereyɛ ara ne sɛ merema afoforo ahu onipa ko a meyɛ. Memfa ‘me som nni agoru’ koraa. Ɛno na me nsusuwii, me botae, m’abrabɔ, ne m’asetena nyinaa gyina so.”

10 Nokwarem no, egye mmɔdenbɔ na ama woakɔ so ayɛ nea wunim sɛ ɛteɛ. (Luka 13:24) Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ mfaso nni so sɛ wobɛyɛ saa. Nanso, kae saa asɛm yi: Sɛ woyɛ wo ho mmɔbɔmmɔbɔ, anaasɛ wofɛre sɛ afoforo behu sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, wobehu, na ɛno betumi ama wɔahyɛ wo so kɛse mmom. Nanso, sɛ wode ahotoso kasa a, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ w’atipɛnfo no begyae wo haw ntɛm ara.—Fa toto Luka 4:12, 13 ho.

‘Dwen Ansa na Woama Mmuae’

11. Sɛ wusiesie wo ho ma atipɛnfo nhyɛso a, mfaso bɛn na ebefi mu aba?

11 Ade foforo a ɛho hia bio na ama woatumi agyina atipɛnfo nhyɛso ano ne sɛ wubesiesie wo ho. (Monkenkan Mmebusɛm 15:28.) Nea wo ho a wubesiesie kyerɛ ne sɛ, wubedi kan asusuw tebea ahorow a ebetumi asɔre ho. Sɛ wudi kan susuw ho a, ɛtɔ mmere bi a ebetumi aboa wo ma woakwati akasakasa a emu yɛ den. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ wuhu sɛ wo mfɛfo sukuufo binom gyina baabi renom sigaret. Sɛ wohwɛ a, so wobetumi aka akyerɛ wo sɛ begye bi nom? Sɛ wuhu sɛ wubehyia ɔhaw a, dɛn na wubetumi ayɛ? Mmebusɛm 22:3 ka sɛ: “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw.” Sɛ wofa baabi foforo a, ebia ɛremma wunhyia ɔhaw a ɛte saa koraa. Saa a wobɛyɛ no nkyerɛ sɛ wusuro ade; nyansa wom sɛ wobɛyɛ saa.

12. Sɛ wo tipɛn bi bisa wo asɛm bi de di wo ho fɛw a, dɛn na wubetumi ayɛ?

12 Na sɛ ɛsɛ sɛ wuhyia tebea bi ɔkwan biara so nso ɛ? Fa no sɛ wo tipɛn bi tirim nteɛ no ma obisa wo sɛ, “Enti woda so ara yɛ ɔbaabun?” Ade a ɛsɛ sɛ woyɛ ne sɛ wode afotu a ɛwɔ Kolosefo 4:6 no bɛyɛ adwuma. Ɛhɔ ka sɛ: “Momma mo kasa ho mmra nyam bere nyinaa na nkyene mmra mu, na moahu sɛnea ɛsɛ sɛ mubua obiara.” Sɛnea kyerɛwsɛm yi kyerɛ no, tebea no na ɛbɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ wubua asɛm no. Ebia ɛho renhia sɛ wode Bible mu nkyerɛkyerɛmu pii bɛma. Ebia mmuae tiawa bi a wode bɛma bɛboa. Sɛ nhwɛso no, sɛ worebua asɛmmisa a ɛfa ɔbaabun a woyɛ ho a, wubetumi aka kɛkɛ sɛ, “Yiw, meyɛ ɔbaabun,” anaasɛ, “Ɛno yɛ me ara m’asɛm.”

13. Sɛ wo tipɛn bi bisa wo asɛm de di wo ho fɛw na worebua a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode nhumu di dwuma?

13 Mpɛn pii no, sɛ na Yesu hu sɛ ɔma mmuae tenten na mfaso biara remma so a, na ɔma n’asɛm yɛ tiatiaa. Nokwarem no, bere a Herode bisaa Yesu asɛm no, Yesu anka hwee. (Luka 23:8, 9) Mpɛn pii no, ɔkwan pa a wubetumi afa so adi nsɛmmisa a ɛho nhia ho dwuma ne sɛ wobɛyɛ komm. (Mmeb. 26:4; Ɔsɛnk. 3:1, 7) Nanso, ebia wubehu sɛ nea obisaa asɛm no pɛ sɛ ohu biribi ankasa fa nea wugye di ho, ɛmfa ho mpo sɛ ebia mfiase no ɔkasa tiaa wo no. Sɛ nhwɛso no, ebia ɔpɛ sɛ ohu nea wugye di fa ɔbarima ne ɔbea nna ho. (1 Pet. 4:4) Sɛ ɛba saa a, ebia ɛho behia sɛ wufi Bible mu kyerɛkyerɛ no mu kɔ akyiri. Sɛ saa na ɛte a, mma ehu nka wo nhyɛ. Yɛ “krado” bere biara sɛ ‘wode anoyi bɛma.’—1 Pet. 3:15.

14. Wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ anifere adan atipɛnfo nhyɛso afi wo so wɔ tebea horow bi mu?

14 Wɔ tebea horow bi mu no, wubetumi adan nhyɛso no akɔ onii no so. Nanso, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden yɛ saa anifere so. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo yɔnko sukuuni bi ma wo sigaret a, wubetumi aka sɛ, “Eye, meda wo ase,” na afei woaka sɛ, “Wo de, sɛnea wote no, mansusuw da sɛ wobɛnom sigaret!” So wuhu sɛnea nhyɛso no adan kɔ no so no? Sɛ́ anka wobɛkyerɛkyerɛ nea enti a wonnom sigaret mu akyerɛ wo yɔnko no, ɔno mmom na obedwen nea enti a ɔnom sigaret no ho. *

15. Sɛ w’atipɛnfo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ wo so a, bere bɛn na ɛfata sɛ wufi hɔ kɔ, na dɛn ntia?

15 Na sɛ woyɛ nea wubetumi biara na ne nyinaa akyi no wɔkɔ so hyɛ wo so a, dɛn na wobɛyɛ? Ɛbɛyɛ papa sɛ wufi hɔ koraa. Dodow a wokyɛ wɔ hɔ no, dodow no ara na ebetumi aba sɛ wobɛyɛ nea wɔka no. Enti fi hɔ kɔ. Wubetumi ayɛ saa a worente nka sɛ wɔadi wo so nkonim. Anyɛ yiye koraa no, wudii tebea no ho dwuma yiye. Woamma w’atipɛnfo amfa wo anyɛ abaduaba angoru wo ho, na womaa Yehowa koma tɔɔ ne yam.—Mmeb. 27:11.

Yɛ ‘Nhyehyɛe a Ɛde Mfaso Ba’

16. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo betumi de nhyɛso aba yɛn so?

16 Ɛtɔ mmere bi a, mmabun foforo a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa mpo betumi ahyɛ wo sɛ yɛ biribi a ɛmfata. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ obi a ɔte saa ato pon, na bere a wukoduu hɔ no, wuhui sɛ ɔpanyin biara nni hɔ a ɔbɛhwɛ so, dɛn na wobɛyɛ? Anaasɛ, sɛ ɔbabun bi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni de mmosã ba apontow bi ase na sɛ wo ne wɔn a wɔwɔ hɔ no nnii mfe a mmara ma mo kwan sɛ mutumi nom mmosã a, dɛn na wobɛyɛ? Tebea horow pii betumi asɔre a ɛho behia sɛ wode w’ahonim a wode Bible atete no no bedi dwuma. Kristoni ababaa bi kae sɛ: “Bere bi a me ne me nuabea kɔhwɛɛ sini na yehui sɛ wɔreka kasafĩ pii wom no, yɛsɔre puei. Afoforo a yɛne wɔn kɔe no tenaa hɔ hwɛe. Yɛn awofo kamfoo yɛn wɔ nea yɛyɛe no ho. Nanso wɔn a yɛne wɔn kɔe no bo fuwii, efisɛ na wɔte nka sɛ yɛama wɔn ayɛ nnipa bɔne.”

17. Sɛ worekɔ apontow bi ase a, ade a nyansa wom bɛn na wubetumi ayɛ na ama woadi Onyankopɔn mmara so?

17 Sɛnea osuahu a yɛaka ho asɛm yi kyerɛ no, sɛ wode w’ahonim a wode Bible atete no no yɛ adwuma a, ebetumi ama woatɔ mu wɔ wo mfɛfo mu. Nanso kɔ so yɛ nea wugye di sɛ ɛteɛ. Siesie wo ho. Sɛ worekɔ apontow bi ase a, pɛ kwan bi a sɛ nneɛma ankɔ so sɛnea wohwɛ kwan a, wubetumi afa so afi hɔ. Mmabun binom ne wɔn awofo yɛ nhyehyɛe sɛ sɛ nneɛma ankɔ yiye a, wɔbɛfrɛ wɔn wɔ telefon so ma wɔabɛfa wɔn akɔ fie ntɛm. (Dw. 26:4, 5) “Nhyehyɛe” a ɛte saa “de mfaso ba.”—Mmeb. 21:5.

‘Ma W’ani Nnye Wo Mmabunberem’

18, 19. (a) Dɛn nti na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa pɛ sɛ w’ani gye? (b) Onyankopɔn te nka dɛn wɔ wɔn a wogyina atipɛnfo nhyɛso ano no ho?

18 Yehowa bɔɔ wo wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma w’ani agye wɔ asetena mu, na ɔpɛ sɛ w’ani gye nso. (Monkenkan Ɔsɛnkafo 11:9.) Kae sɛ nea w’atipɛnfo pii nya no yɛ “bɔne mu anigye” a wonya “bere tiaa bi” mu. (Heb. 11:25) Nokware Nyankopɔn no pɛ sɛ wunya biribi a ɛsen saa koraa. Ɔpɛ sɛ w’ani gye afebɔɔ. Enti sɛ wuhyia sɔhwɛ a ɛbɛma woayɛ biribi a wunim sɛ ɛyɛ bɔne wɔ Onyankopɔn ani so a, kae sɛ nea Yehowa hwehwɛ sɛ woyɛ no bɛboa w’ankasa bere nyinaa.

19 Seesei a woyɛ ɔbabun no, ehia sɛ wuhu sɛ sɛ w’atipɛnfo gye wo tom nnɛ mpo a, mfe bi akyi no, ebetumi aba sɛ wɔn mu dodow no ara renkae wo din mpo. Nanso, sɛ wugyina atipɛnfo nhyɛso ano a, Yehowa hu, na ne werɛ remfi wo anaa wo nokwaredi da. ‘Obebue ɔsoro mfɛnsere ama wo na wahwie nhyira agu wo so ma ebu wo so.’ (Mal. 3:10) Bio nso, ofi ayamye mu ma wo ne honhom kronkron na aboa wo ma woadi biribiara a ebia wotɔ sin wom seesei no so. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa betumi aboa wo ma woagyina nhyɛso a w’atipɛnfo de ba wo so no ano!

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Hwɛ nsɛm a wɔahyehyɛ a asɛmti ne “Peer-Pressure Planner” (Ɔkwan a Mɛfa so Adi Atipɛnfo Nhyɛso So) a ɛwɔ Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no Po 2, kratafa 132 ne 133 no.

So Wokae?

• Tumi bɛn na atipɛnfo nhyɛso wɔ?

• Dɛn nti na ahotoso ho hia na ama woatumi agyina atipɛnfo nhyɛso ano?

• Ɔkwan bɛn na wubetumi afa so asiesie wo ho agyina atipɛnfo nhyɛso ano?

• Dɛn na ɛma wuhu sɛ Yehowa ani gye ho sɛ wubedi nokware?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8]

Dɛn nti na Aaron penee so yɛɛ sika nantwi ba no?

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Siesie wo ho—di kan susuw asɛm a wobɛka ho