Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wo A Wɔsan Wo Obi Bio—So Ɛno ne Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwagye Mu?

Wo A Wɔsan Wo Obi Bio—So Ɛno ne Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwagye Mu?

Wo A Wɔsan Wo Obi Bio—So Ɛno ne Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwagye Mu?

SƐ OBI bisa wo sɛ, “Wɔawo wo foforo” a, wubebua dɛn? Kristoman mufo ɔpepem pii bebua asɛm yi pen sɛ “Yiw, wɔawo me foforo!” Wogye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔwo nokware Kristofo nyinaa foforo, na ɛno nkutoo na wɔnam so benya nkwa. Wɔne nyamesom akannifo bi te sɛ Robert C. Sproul yɛ adwene wɔ nsɛm a ɔkae yi ho: “Sɛ wɔanwo obi foforo a, . . . ɛnde na ɔnyɛ Kristoni.”

So woka wɔn a wogye di sɛ gye sɛ wɔawo obi foforo ansa na wanya nkwa no ho? Sɛ saa a, ɛnde na akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ woboa w’abusuafo ne wo nnamfonom ma wohu ɔkwan a ɛkɔ nkwagye mu no na wɔfa so. Nanso, sɛ wɔbɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wohu nsonsonoe a ɛda obi a wɔawo no foforo ne nea wɔnwoo no foforo no ntam. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ wɔn nea wo a wɔsan wo obi bio no kyerɛ no mu?

Nnipa pii gye di sɛ sɛ wɔka sɛ “wɔasan awo obi bio” a, ɛkyerɛ obi a ofi ne komam ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn ne Kristo ma enti ɔsakra fi tebea a ɔwom a na ɔne Onyankopɔn nni abusuabɔ biara no mu, na ɔne no benya abusuabɔ.

So ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ Bible no nnye nkyerɛkyerɛmu yi ntom? So wobɛpɛ sɛ wuhu nea Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ wɔ wo a wɔsan wo obi bio no ho? Sɛ wugye bere susuw asɛm yi ho a, wubenya so mfaso pii. Dɛn ntia? Efisɛ wo a wɔsan wo obi bio no ho nimdeɛ a edi mu a wubenya no bɛka w’asetena ne wo daakye.

Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ?

Yohane 3:1-12 nkutoo na asɛm, wo a ‘wɔsan wo obi bio’ no pue wɔ Bible no mu. Ɛhɔ na wɔakyerɛw nkɔmmɔ bi a ɛkanyan adwene a Yesu ne nyamesom kannifo bi bɔe wɔ Yerusalem no. Wubehu saa Bible mu asɛm no nyinaa wɔ adaka a edi so no mu. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ tɔ wo bo ase kenkan.

Wɔ asɛm no mu no, Yesu sii ‘awo foforo’ no afã horow bi so dua. * Nokwarem no, Yesu nkɔmmɔbɔ no boa ma yenya nsɛmmisa anum a ɛho hia yi ho mmuae:

Awo foforo no ho hia dɛn?

So yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔwo yɛn foforo?

Atirimpɔw bɛn nti na wɔwo obi foforo?

Ɔkwan bɛn so na wɔwo obi foforo?

Nsakrae bɛn na awo foforo de ba obi ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu?

Ma yensusuw nsɛmmisa yi ho mmiako mmiako.—w09 04/01-E.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Asɛm ‘awo foforo’ no pue wɔ 1 Petro 1:3, 23. Ɛyɛ asɛm foforo a wɔde kyerɛkyerɛ ‘wo a wɔsan wo obi bio’ no mu wɔ Bible mu. Wonyaa nsɛm abien yi nyinaa fii Hela adeyɛ asɛm, gen·naʹo mu.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]

“Ɛsɛ sɛ Wɔsan Wo Mo Bio”

“Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔka Farisifo ho a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafo panyin. Ɔno na ɔbaa ne nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: ‘Rabi, yenim sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, efisɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.’ Yesu bua see no sɛ: ‘Nokware, nokware, mise wo sɛ, sɛ wɔansan anwo obi bio a, ɔrentumi nhu Onyankopɔn ahenni no.’ Nikodemo bisaa no sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi awo obi a wanyin? Obetumi asan akɔ ne maame yafunu mu bio ma wɔawo no anaa?’ Yesu buae sɛ: ‘Nokware, nokware, mise wo sɛ, sɛ wɔamfa nsu ne honhom anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni mu. Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam, na nea wofi honhom mu awo no no yɛ honhom. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio. Mframa bɔ kɔ nea ɛpɛ biara, na mote sɛ ɛrebɔ, nanso munnim baabi a efi ne baabi a ɛrekɔ. Saa na obiara a wofi honhom mu awo no no te.’ Nikodemo bua see no sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom atumi ayɛ yiye?’ Yesu bua see no sɛ: ‘Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfo na wunnim eyinom? Nokware, nokware, mise wo sɛ, nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse, nanso mo de, munnye adanse a yɛde ma no ntom. Sɛ maka asase so nsɛm akyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a mubegye adi?’”—Yohane 3:1-12.