Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Ntia?

Dɛn Ntia?

Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu

Dɛn Ntia?

Saa asɛm yi bisa nsɛm a ebia woasusuw ho pɛn, na ɛkyerɛ faako a wubetumi anya ho mmuae wɔ wo Bible mu. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔne wo besusuw nsɛmmisa yi ho mmuae ho.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wusua biribi fi Onyankopɔn hɔ?

Onyankopɔn wɔ adepa bi ho asɛmpa ka kyerɛ adesamma. Ɔka ho asɛm kyerɛ yɛn wɔ Bible no mu. Bible no te sɛ krataa bi a yɛn soro Agya a ɔdɔ yɛn no akyerɛw abrɛ yɛn.—Kenkan Yeremia 29:11.

2. Dɛn ne asɛmpa no?

Adesamma hia aban papa. Nnipa sodifo biara ntumi nyii basabasayɛ, ntɛnkyea, ɔyare anaa owu mfii hɔ. Nanso asɛmpa bi wɔ hɔ. Onyankopɔn bɛma adesamma aban papa a ɛbɛma nnipa ade wɔn ho afi nea ɛde amanehunu ba nyinaa ho.—Kenkan Daniel 2:44.

3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesua biribi fi Onyankopɔn hɔ?

Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn beyi nnipa a wɔde amanehunu ba nyinaa afi asase so. Saa bere yi de, ɔrekyerɛkyerɛ nnipa ɔpepem pii ma wɔanya asetena pa a egyina ɔdɔ so. Nnipa pii resua sɛnea wobegyina asetenam haw ahorow ano, sɛnea wobenya anigye ankasa, ne sɛnea wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani afi Onyankopɔn Asɛm mu.—Kenkan Sefania 2:3.

4. Hena na ɔkyerɛw Bible no?

Nhoma nketewa 66 na ɛbom yɛ Bible no. Mmarima 40 na wɔkyerɛwee. Mose na odii kan kyerɛw Bible mu nhoma ahorow anum a edi kan no wɔ bɛyɛ mfe 3,500 a atwam ni. Ɔsomafo Yohane na ɔkyerɛw Bible mu nhoma a etwa to no wɔ bɛboro mfe 1,900 ni. Nanso ɛnyɛ Bible akyerɛwfo no ankasa nsɛm na wɔkyerɛwee na mmom Onyankopɔn nsɛm na wɔkyerɛwee. Enti Onyankopɔn na ɔkyerɛw Bible no.—Kenkan 2 Timoteo 3:16; 2 Petro 1:21.

Yenim sɛ Bible no fi Onyankopɔn hɔ efisɛ ɛka daakye ho nsɛm nyinaa pɛpɛɛpɛ. Onipa biara rentumi nyɛ saa. (Yesaia 46:9, 10) Afei nso, Bible no nkutoo na ɛma yehu sɛnea Onyankopɔn te ankasa. Bible no tumi sesa nnipa asetena ma ɛyɛ papa. Nokwasɛm ahorow yi aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔabegye adi sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm.—Kenkan Yosua 23:14; 1 Tesalonikafo 2:13.

5. Wobɛyɛ dɛn ate Bible no ase?

Yesu begyee din sɛ obi a na ɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm. Ɛwom sɛ na nnipa a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no nim Bible mu asɛm de, nanso na wohia mmoa na wɔatumi ate ase. Yesu twee adwene sii Bible kyerɛwsɛm ahorow so mpɛn pii na ɔkyerɛkyerɛɛ “Kyerɛwnsɛm no” mu ma afoforo tee ase. Ɔfã a wɔato din, “Sua Biribi Fi Onyankopɔn Asɛm Mu” yi bɛfa ɔkwan koro no ara so aboa wo.—Kenkan Luka 24:27, 45.

Ɛyɛ anigye paa sɛ yɛbɛma Onyankopɔn akyerɛ yɛn nea enti a yɛte nkwa mu no ase. Nanso ebinom ani rennye ho sɛ wobehu sɛ woresua Bible no. Mma w’abam mmu. Daa nkwa a wubenya no gyina Onyankopɔn ho nimdeɛ a wubenya so.—Kenkan Mateo 5:10-12; Yohane 17:3.—w11-E 01/1.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 2.