Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hu Awofo a Wonni Ahokafo no Mmɔbɔ

Hu Awofo a Wonni Ahokafo no Mmɔbɔ

Hu Awofo a Wonni Ahokafo no Mmɔbɔ

ƐKAME ayɛ sɛ awofo a wonni ahokafo ho kyere wɔn na wɔbrɛ sen nnipa nyinaa. Wohyia nsɛnnennen pii. Ɛsɛ sɛ wodi asɛyɛde pii a ɛwɔ mmofra ntetee mu no ho dwuma. Adwuma a wofi fie kɔyɛ akyi no, wodi gua, noa aduan, siesie fie, na wɔtete wɔn mma nso. Afei nso ɛho hia sɛ wɔhwɛ ma wɔn mma nya apɔwmuden, wɔhwɛ ma wogye wɔn ahome, wɔhwɛ ma wonya wɔn nkate fam ahiade, na sɛ ɛbɛyɛ yiye mpo a, wonya adagyew ma wɔn ankasa ho.

Ɛwom sɛ awofo a wonni ahokafo mmusua redɔɔso na abu so wɔ baabiara de, nanso ɛnyɛ den koraa sɛ yebebu yɛn ani agu wɔn so. Ɛna bi gye toom sɛ, “Na mentaa nnwene awofo a wonni ahokafo ho, kosi sɛ mebɛyɛɛ bi.” Dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wuhu awofo a wonni ahokafo mmɔbɔ? So ɛsɛ sɛ wudwen wɔn ho? Ma yensusuw nneɛma abiɛsa a enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn adwene kɔ wɔn so no ho.

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yehu Wɔn Mmɔbɔ

Awofo a wonni ahokafo pii hia mmoa. Ɔbea kunafo bi a wadi mfe 41 a ɔwɔ mma baanu kae sɛ, “Ɛtɔ mmere bi a na minhu nea menyɛ, na mete nka sɛ asɛyɛde a ɛda me so no dɔɔso ma me dodo.” Kunayɛ, ɔwofo a ne hokafo aguan agyaw no, anaa tebea ahorow a ɛhaw adwene ama awofo pii a wonni ahokafo ate nka sɛnea ɛna bi a ɔyɛ ɔwofo biako kae yi, “Obi mmegye yɛn, na yehia mmoa denneennen!”

Ɛma wo nso w’ani gye. So woaboa obi a n’adesoa rebu ne kɔn pɛn? Sɛ saa a, ɛda adi sɛ wo koma tɔɔ wo yam sɛ woatumi aboa obi. Saa ara na awofo a wonni ahokafo no sõ nnosoa a ɛtɔ mmere bi a emu yɛ duru dodo sɛ obiakofo bɛsoa. Sɛ wudi wɔn ahiade ho dwuma denam boa a wobɛboa wɔn so a, wubehu nokwasɛm a wɔaka wɔ Dwom 41:1 yi no: “Anigye ne nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ.”

Ɛsɔ Onyankopɔn ani. Yakobo 1:27 ka sɛ: “Ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so ne eyi: sɛ obi bɛhwɛ nnyanka ne akunafo wɔn ahohia mu.” Eyi hwehwɛ sɛ yɛbɛhwɛ awofo a wonni ahokafo. * Hebrifo 13:16 ka sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi papayɛ ne nneɛma a mo ne afoforo bɛkyɛ, efisɛ afɔrebɔ a ɛtete saa no sɔ Onyankopɔn ani.”

Bere a nneɛma abiɛsa a enti ɛsɛ sɛ yedwen awofo a wonni ahokafo ho wɔ w’adwenem no, ma yɛnhwɛ nea wubetumi ayɛ de aboa wɔn ne ɔkwan a wobɛfa so ahu sɛ wobenya wo mmoa no so mfaso.

Hu Wɔn Ahiade

Ebia ɛbɛyɛ wo sɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ ara ne sɛ wubebisa ɔwofo bi a onni ɔhokafo sɛ, “Dɛn na wuhia sɛ meyɛ ma wo?” Nanso, nokwasɛm ni, ɛntaa mma sɛ obi bɛka nea ohia ankasa akyerɛ wo. Sɛnea yɛaka dedaw no, Dwom 41:1 ka sɛ, ‘yenhu mmɔbɔ.’ Nhoma bi kyerɛkyerɛ mu sɛ Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no betumi akyerɛ “sɛ wubesusuw tebea bi a ɛkyere adwene ho na woagyina so asi gyinae pa.”

Enti, nea ɛbɛyɛ na woahu ɔkwampa a wobɛfa so aboa awofo a wonni ahokafo no, ɛsɛ sɛ wususuw ɔhaw ahorow a wohyia no ho kɔ akyiri. Fa w’ani to fam, ɛnyɛ sɛ wobɛhwɛ sɛnea tebea no te kɛkɛ. Bisa wo ho sɛ, ‘sɛ me na mewɔ saa tebea yi mu a, anka mmoa bɛn na mehia?’ Nokwarem no, awofo a wonni ahokafo pii bɛka akyerɛ wo sɛ, mmɔden a wobɛbɔ nyinaa akyi no, sɛ wonyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo a, worente wɔn ase da. Nanso sɛ woyɛ nea wubetumi biara de te awofo a wonni ahokafo no tebea ase a, ɛbɛma ‘woahu wɔn mmɔbɔ.’

Suasua Onyankopɔn Nhwɛso Pa No

Obiara nni hɔ a watumi afi ɔdɔ mu adi awofo a wonni ahokafo ahiade ho dwuma sen Yehowa Nyankopɔn. Kyerɛwsɛm pii ka mmoa a Yehowa Nyankopɔn ada no adi akyerɛ akunafo, nyisaa ne awofo a wonni ahokafo. Sɛ yɛhwehwɛ ɔkwan a Onyankopɔn fa so di ahiafo a wɔte saa no ahiade ho dwuma ma wɔn no mu a, yebehu ɔkwampa a yɛn nso yebetumi afa so aboa wɔn. Nneɛma atitiriw anan bi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho.

Tɔ wo bo ase tie wɔn

Wɔ Mmara a Yehowa de maa tete Israelfo no mu no, ɔdaa no adi sɛ ‘obetie’ wɔn a ade ahia wɔn no. (Exodus 22:22, 23) Wobɛyɛ dɛn asuasua nhwɛso fɛfɛ yi? Mpɛn pii no, awofo a wonni ahokafo te ankonamyɛ nka paa, na wonni ɔpanyin biara a wɔbɛka wɔn asɛm akyerɛ no. Ɔwofo bi a onni ɔhokafo bɔ abubuw sɛ, “Sɛ mmofra no kɔda a, ɛtɔ mmere bi a mintumi nnyae su. Ɛba saa a, ankonamyɛ no ano yɛ den dodo.” Sɛ ɛfata a, so wubetumi afi wo pɛ mu ‘atie’ ɔwofo bi a onni ɔhokafo a ɔpɛ sɛ ɔda ne nkate adi kyerɛ wo no? Ɔwofo a onni ɔhokafo a wobɛkɔ ne nkyɛn wɔ tebea a asɛm biara nni ho mu no betumi aboa ma wadi nsɛnnennen a ohyia no so.

Ka nsɛm a ɛhyɛ nkuran

Yehowa na ɔma wɔkyerɛw nnwom a na Israelfo no to bere a wɔresom no. Susuw nkuranhyɛ a Israelfo akunafo ne nnyanka no nyae bere a wɔreto nnwom a wɔnam Yehowa honhom so kyerɛwee na emu nsɛm no ma wɔkaee sɛ Yehowa yɛ wɔn “agya” ne wɔn “temmufo,” na obedi aboa wɔn no. (Dwom 68:5; 146:9) Yɛn nso, yebetumi aka nkuranhyɛsɛm akyerɛ ɔwofo a onni ɔhokafo ma wakae daa. Ɛwom sɛ mfe 20 atwam de, nanso Ruth a ɔyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo no da so ara kae nkuranhyɛsɛm a agya bi a ne ho akokwaw ka kyerɛɛ no bere bi no: “Worebɔ mmɔden paa wɔ wo mmabarima baanu a woretete wɔn yi ho. Kɔ so saa ara.” Ruth ka sɛ: “Saa nsɛm a mete fii ne hɔ no boaa me yiye.” Nokwarem no, “nsɛm a ɛhyɛ nkuran tumi sa yare” na ebetumi ahyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo nkuran sen sɛnea yesusuw. (Mmebusɛm 15:4, Contemporary English Version) So wubetumi adwen nsɛm pɔtee bi ho de akamfo ɔwofo bi a onni ɔhokafo?

Sɛ ɛho behia a, fa honam fam mmoa ma

Nea ɛka Mmara a Yehowa de maa tete Israelfo no ho ne sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama akunafo ne nnyanka anya aduan a wohia wɔ nidi mu. Ɛdenam nsiesiei a ɛte saa so no, wɔn a ahia wɔn yi nyaa nea wohia ‘di mee.’ (Deuteronomium 24:19-21; 26:12, 13) Yɛn nso yebetumi afa anifere ne nidi kwan so ama ɔwofo a onni ɔhokafo a ahia no no honam fam mmoa. So wubetumi akodi gua akɔma wɔn wɔ wɔn afie? So wowɔ ntade a wubetumi de akyɛ ɔwofo a onni ɔhokafo anaa ne mma? Anaa wubetumi ama ɔwofo a onni ɔhokafo sika na watumi de atotɔ nea n’abusua hia?

Wo ne wɔn mmɔ fekuw

Yehowa hyɛe sɛ Israelfo no mfa akunafo ne nnyanka nka wɔn ho mmra ɔman no afe afe afahyɛ no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne wɔn mfɛfo Israelfo no bɛbɔ fekuw. Nokwarem no, wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mo ani nnye.’ (Deuteronomium 16:10-15) Saa ara na ɛnnɛ nso, wotu Kristofo fo sɛ ‘wonnyigye wɔn ho ahɔho,’ na wɔmmɔ fekuw a ɛyɛ anigye. (1 Petro 4:9) Enti, dɛn nti na wonto nsa mfrɛ abusua bi a ɔwofo a ɔwom no nni ɔhokafo mma wommedidi wɔ wo fie? Enhia sɛ ɛyɛ apontow kɛse biara. Bere a Yesu ne ne nnamfo kɔbɔɔ fekuw wɔ wɔn fie no, ɔkae sɛ “nneɛma kakraa bi na ehia, anaasɛ biako pɛ.”—Luka 10:42.

Wɔbɛkyerɛ Wo Mmoa no Ho Anisɔ

Kathleen, ɔwofo a onni ɔhokafo a ɔtetee mmofra baasa no ka sɛ, ne werɛ remfi nyansasɛm yi, “Nhwɛ kwan sɛ obi bɛboa wo; kyerɛ biribiara ho anisɔ.” Awofo a wonni ahokafo a wɔn tebea no te sɛ Kathleen de no mu pii agye asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wɔtete wɔn mma no atom. Enti ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ afoforo bɛyɛ nea ɛsɛ sɛ wɔn ankasa yɛ no ma wɔn. Nanso akyinnye biara nni ho sɛ wɔn ani sɔ mmoa biara a wonya no. Wubetumi aboa ma awofo a wonni ahokafo adi yiye na wo nso woanya anigye denam wɔn ho adwempa a wubenya no so, na nya ahotoso sɛ Yehowa Nyankopɔn “betua wo ka wɔ nea woayɛ no ho.”—Mmebusɛm 19:17, New Century Version.w10-E 12/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Ɛwom sɛ asɛm “ɔwofo a onni ɔhokafo” mpue wɔ Bible mu de, nanso wɔtaa de nsɛmfua “okunafo” ne “ayisaa” di dwuma. Eyi kyerɛ sɛ tete no mpo na awofo a wonni ahokafo abu so.—Yesaia 1:17.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Bere bɛn na wofrɛɛ ɔwofo bi a onni ɔhokafo abusua ma wo ne wɔn didii? Dɛn nti na wonyɛ saa ntɛm?