Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Honhom Abɔde Boa Yɛn

Sɛnea Honhom Abɔde Boa Yɛn

Nea Yesua Fi Yesu Hɔ

Sɛnea Honhom Abɔde Boa Yɛn

Yesu ne n’Agya tenaa ahonhom atenae “ansa na wiase reba.” (Yohane 17:5) Enti ɔfata paa sɛ obua nsɛmmisa a edidi so yi.

So abɔfo ani gye yɛn ho?

▪ Yesua fi Yesu hɔ sɛ abɔfo ani gye nnipa ho kɛse. Ɔkae sɛ: “Anigye ba Onyankopɔn abɔfo mu wɔ ɔdebɔneyɛfo biako a ɔsakra ho.”—Luka 15:10.

Yesu daa no adi sɛ wɔama abɔfo adwuma sɛ wɔmmoa Onyankopɔn asomfo ma wɔne no nnya abusuabɔ a emu yɛ den. Enti bere a Yesu bɔɔ n’asuafo no kɔkɔ wɔ hintidua a ɛnsɛ sɛ wɔto afoforo ho no, ɔkae sɛ: “Monhwɛ na moammu nkumaa yi mu biako animtiaa; meka kyerɛ mo sɛ wɔn abɔfo a wɔwɔ soro no hu m’Agya a ɔwɔ soro no anim daa.” (Mateo 18:10) Saa a Yesu kae no nkyerɛ kɛkɛ sɛ wɔama n’akyidifo no mu biara ɔbɔfo a ɔbɔ ne ho ban. Nanso Yesu kyerɛe sɛ abɔfo a wɔne Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ soro no ani gye Kristofo asafo no mufo ho.

Ɔkwan bɛn so na Ɔbonsam betumi apira yɛn?

▪ Yesu bɔɔ n’akyidifo no kɔkɔ sɛ Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nnipa agyae Nyankopɔn ho nokwasɛm a wosua no. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔte ahenni no ho asɛm na ɔnte ase no, ɔbɔnefo no ba behwim nea wɔagu no ne koma mu no.”—Mateo 13:19.

Yesu paa ɔkwan a Satan fa so daadaa nnipa no ho ntama bere a ɔmaa mfatoho a ɛfa ɔbarima bi a oduaa awi aba wɔ n’afuw mu ho no. Ɔbarima no gyina hɔ ma Yesu, na awi no gyina hɔ ma nokware Kristofo a wɔne Yesu bedi ade wɔ soro no. Nanso Yesu kae sɛ ɔtamfo bi “ba beduaa nwura bɔne wɔ awi no mu.” Wura bɔne no gyina hɔ ma atoro Kristofo. “Ɔtamfo a ogui no ne Ɔbonsam.” (Mateo 13:25, 39) Sɛnea nwura ne awi tumi di nsɛ no, saa ara na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no betumi ayɛ wɔn ho sɛ nokware asomfo. Ɔsom ahorow a wɔkyerɛkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ no daadaa nkurɔfo ma wɔtew Onyankopɔn so atua. Satan de atoro som di dwuma de sɛe nnipa ne Yehowa ntam.

Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban afi Satan ho?

▪ Yesu frɛɛ Satan “wiase sodifo.” (Yohane 14:30) Wɔ Yesu mpaebɔ bi mu no, ɔkaa ɔkwan a yebetumi afa so abɔ yɛn ho ban afi Satan ho no ho asɛm. Yesu bɔɔ ne soro Agya no mpae maa n’asuafo no sɛ: “Hwɛ wɔn so esiane ɔbɔnefo no nti. Wɔnyɛ wiase no fã sɛnea menyɛ wiase no fã no. Fa nokware no yɛ wɔn kronkron; w’asɛm yɛ nokware.” (Yohane 17:15-17) Onyankopɔn Asɛm ho nimdeɛ a yebenya no betumi abɔ yɛn ho ban afi wiase a Satan di so no nkɛntɛnso ho.

Ɔkwan bɛn so na abɔfo boa yɛn nnɛ?

▪ Yesu kae sɛ: ‘Wɔ wiase nhyehyɛe no awiei no, abɔfo no bɛkɔ akoyiyi abɔnefo afi treneefo mu.’ (Mateo 13:49) Seesei yɛte “bere a ɛwɔ hɔ yi awiei” mu, na nnipa ɔpepem pii retie Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no.—Mateo 24:3, 14.

Nanso ɛnyɛ wɔn a wɔafi ase resua Onyankopɔn Asɛm no nyinaa na wonya n’anim dom. Abɔfo na wodi adwuma a Yehowa asomfo reyɛ no anim, na wɔatew nnipa a wofi komam dɔ Nyankopɔn no afi wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔde nea wosua no yɛ adwuma no ho. Bere a Yesu rekyerɛ wɔn a wonya Nyankopɔn anim dom no, ɔkae sɛ: “Eyi ne wɔn a sɛ wɔde koma pa tie asɛm no wie a, wɔkora so na wɔde boasetɔ sow aba.”—Luka 8:15.—w10-E 11/1.

Sɛ wopɛ nsɛm pii a, hwɛ nhoma a Yehowa Adansefo atintim yi, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? ti 10.

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Abɔfo boa ma wɔboaboa nnipa komapafo ano ba Kristofo asafo no mu