Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adekyɛ Mu Anigye

Adekyɛ Mu Anigye

“Ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”—ASOMAFO NNWUMA 20:35.

Ade a ɛma ebinom di Buronya.

Sɛnea Yesu kae no, nea ɔkyɛ ade ani gye, na nea onya akyɛde nso ani gye. Saa anigye a nkurɔfo rehwehwɛ nti, wɔfa adekyɛ sɛ Buronya ho ade a ehia paa. Sikasɛm mu ahokyere a ɛbae afe a etwaam mu no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Ireland kyerɛe sɛ abusua biara bɔɔ ne tirim sɛ wɔde bɛboro euro 500 (bɛyɛ U.S. dɔla 660) bɛtotɔ akyɛde akɔma nkurɔfo Buronya bere.

Dɛn na ɛma ɛyɛ den?

Nnipa bebree te nka sɛ Buronya akyɛde de adwennwene na ɛba na ɛnyɛ anigye. Dɛn na ɛma wodwen saa? Ɛne sɛ, sɛ wɔn ho nso mpo a ɛsɛ sɛ wɔtɔ nneɛma no. Afei nso esiane sɛ nnipa gu kurom pii retotɔ nneɛma saa bere no nti, adetɔ nyɛ nnipa pii dɛ.

Bible mu nsɛm bɛn na ebetumi aboa?

Yesu kae sɛ: “Monkɔ so mma.” * (Luka 6:38) Wanka sɛ yɛntwɛn nkosi bere a obiara kyɛ ade ansa na yɛakyɛ afoforo ade. Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛsɛ sɛ wɔde hyɛ wɔn ho sɛ wobeyi wɔn komam akyɛ ade bere biara a wɔpɛ.

“Obiara nyɛ no sɛnea wasusuw wɔ ne komam, ɛnyɛ amemenemfe anaa ɔhyɛ so, efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.” (2 Korintofo 9:7) Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ aba a ɛwɔ Paulo afotu yi mu ne sɛ, “ɛnsɛ sɛ obi de ‘amemenemfe’ kyɛ ade da; ɛnsɛ sɛ ɔte nka sɛ ɛyɛ nhyɛ.” Obi a “ɔtew n’anim ma” ade no ntwɛn mma wɔnka nkyerɛ no sɛ ɔmfa ade pɔtee bi nkyɛ onipa pɔtee bi ɛda pɔtee bi ansa na wayɛ. Nanso saa na wɔtaa kyɛ ade Buronya bere.

“Na sɛ ɔpɛ no wɔ hɔ a, nea obi wɔ na ɛsɔ ani, na ɛnyɛ nea onni.” (2 Korintofo 8:12) Onyankopɔn nkae sɛ Kristofo mfirifiri nneɛma a ne bo yɛ den mfa nkyekyɛ nkurɔfo. Mmom sɛ obi hwɛ ‘nea ɔwɔ’ ho kyɛ ade a, ɛrenyɛ akyɛde a ɛfata kɛkɛ; ɛbɛyɛ akyɛde a “ɛsɔ ani” ankasa. Aguade ho adawurubɔfo de, ɛnyɛ saa adwene no koraa na wokura! Wɔn de ara ne sɛ “ɛka nkum.”

^ nky. 8 Bible bi kyerɛ asɛm no ase sɛ: “Momma.” Nanso Hela asɛmfua a wɔde yɛɛ adwuma wɔ hɔ no, ɛkyerɛ biribi a wɔkɔ so yɛ. Nea ɛbɛyɛ a yɛbɛte asɛm a Yesu kae no ase yiye nti, Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no akyerɛ ase “monkɔ so mma.”