Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

 Bɛn Onyankopɔn

Wo Din Wɔ Onyankopɔn “Nkae Nhoma” no Mu Anaa?

Wo Din Wɔ Onyankopɔn “Nkae Nhoma” no Mu Anaa?

SƐ Yehowa asomfo bɔ wɔn ho mmɔden sɛ wɔbɛyɛ n’apɛde a, ohu anaa? Yiw, ohu! Nanso ɛnyɛ nnwuma pa ne ayeyi a wɔde ma no no nko na ohu. Sɛ mpo n’asomfo dwinnwen nneɛma pa a wayɛ ama wɔn no ho a, ɛno nso ohu. Yehowa werɛ remfi ne nkurɔfo, na nea wɔayɛ nso, ne werɛ remfi da. Yɛyɛ dɛn hu saa? Yebenya mmuae no wɔ nsɛm bi a odiyifo Malaki kyerɛwee mu.—Kenkan Malaki 3:16.

Malaki hyɛɛ nkɔm bɛyɛ mfe 500 ansa na Yesu reba, na saa bere no, na nneɛma nkɔ yiye koraa wɔ Israel. Asɔfo no totoo wɔn adwuma ase, na ɔman no fii ase yɛɛ nneɛma bi de buu Onyankopɔn animtiaa; ebi ne asumansɛm, awaresɛe, ne apoobɔ. (Malaki 2:8; 3:5) Nneɛma bɔne yi nyinaa akyi no, na Israelfo kakra wɔ hɔ a wɔda so di nokware. Dɛn na wɔyɛe?

Malaki kyerɛ mu sɛ: “Wɔn a wosuro Yehowa no ne wɔn ho kasae.” Onyankopɔn suro yɛ adepa. Ɛha yi no, na Malaki reka sɛ Israelfo bi nyaa obu kɛse maa Onyankopɔn, na na wosuro fɛre sɛ wɔbɛyɛ nea ɛnsɔ n’ani. Hyɛ no nsow sɛ wɔn a wosuro Onyankopɔn no “ne wɔn ho kasae.” Ɛbɛyɛ sɛ wohyiaam kaa Yehowa ho asɛmpa, na wɔhyehyɛɛ wɔn ho nkuran sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma bɔne a ɛrekɔ so wɔ ɔman no mu no remmu wɔn abam anaa ɛrensɛe wɔn.

Israelfo anokwafo no yɛɛ biribi foforo a ehia paa de nidi maa Yehowa: “Wodwen ne din ho.” Nkyerɛase foforo bi ka sɛ “wɔde nidi maa Ne din.” Nyamesurofo yi dii Yehowa ni wɔn komam mpo. Wodwinnwen nea Yehowa ayɛ ne ne din kɛse no ho wɔ wɔn komam. Yehowa huu nea wɔyɛe no anaa?

Malaki ka sɛ: “Yehowa yɛɛ aso tiei.” Yebetumi aka sɛ Yehowa fi ne tenabea a ɛwɔ sorosoro hɔ brɛɛ n’aso ase, na ɔtee ayeyisɛm biara a n’asomfo no ka kyerɛɛ wɔn ho no. Afei nso nea na wɔresusuw ho wɔn komam no nyinaa, ohui. (Dwom 94:11) Nsɛmpa a wɔkae ne adwempa a wonyae no, ɛnyɛ sɛ ohui kɛkɛ, na mmom ɔyɛɛ ho biribi nso.

Malaki kae sɛ: “Wɔkyerɛw nkae nhoma bi wɔ n’anim.” Saa nhoma no yɛ wɔn a wodi nokware ma Yehowa nyinaa ho kyerɛwtohɔ. Hyɛ no nsow sɛ wɔfrɛ no “nkae nhoma.” * Ɛno ma yehu sɛ Yehowa asomfo anokwafo de, ne werɛ remfi wɔn da, na ɔbɛkae ayeyi a wɔde ama no nyinaa, kyerɛ sɛ, adepa biara a wɔayɛ, asɛmpa biara a wɔaka, ne adwempa biara a wɔanya. Nanso Onyankopɔn renkae wɔn kwa. Wahyɛ bɔ sɛ wɔn a wɔahyɛ da akyerɛw wɔn din wɔ ne nkae nhoma no mu no, ɔbɛma wɔn daa nkwa. *Dwom 37:29.

Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yebehu sɛ biribiara a ɛsɔ ani a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, ɛsom bo ma no paa! Nsɛm a ɛwɔ Malaki 3:16 no yɛ biribi a ɛsɛ sɛ yedwen ho kɔ akyiri paa. Ɛbɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Enti me din wɔ Onyankopɔn “nkae nhoma” no mu?’ Sɛ da biara yɛyɛ nea yebetumi biara ma yɛn kasa, yɛn nneyɛe, ne yɛn nsusuwii yɛ nea ɛbɛma Yehowa akae yɛn a, yɛn din bɛkɔ mu bi.

December Bible akenkan:

Nahum 1-3Malaki 1-4

^ nky. 8 Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nkae” no, ɛnkyerɛ sɛ obi bɛkae biribi kɛkɛ. Ebetumi nso akyerɛ sɛ nea wakae no, ɔbɛyɛ ho biribi.

^ nky. 8 Sɛ wopɛ daa nkwa a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn bɔ no ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ti 3. Yehowa Adansefo na wotintimii.