Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mose​—Ɔbarima Hobrɛasefo

Mose​—Ɔbarima Hobrɛasefo

DƐN NE AHOBRƐASE?

Sɛ yɛka sɛ obi wɔ ahobrɛase a, ɛkyerɛ sɛ ɔnyɛ ahantan anaa ahomaso. Obi brɛ ne ho ase a, ommu ne ho nkyɛn afoforo. Ɔhobrɛasefo biara hu sɛ mfomso wɔ ne ho na ɛnyɛ biribiara na obetumi ayɛ.

DƐN NA MOSE DE KYERƐE SƐ ƆWƆ AHOBRƐASE?

Tumi a Mose nyae no amma wanyɛ ahomaso. Mpɛn pii no, sɛ obi nya tumi kakra a, ɛhɔ na yehu sɛ ɔwɔ ahobrɛase anaasɛ onni bi. Nhomakyerɛwfo Robert G. Ingersoll kae sɛ: “Amanehunu de, nnipa dodow no ara tumi fa mu. Nanso sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea obi te paa a, wo de, ma no tumi.” Sɛ yɛfa no saa a, ɛnde yebetumi aka sɛ Mose yɛ obi a yebetumi asuasua n’ahobrɛase paa. Adɛn nti na yɛreka saa?

Yehowa maa Mose dii Israelfo anim, enti na ɔwɔ tumi kɛse paa. Nanso, saa tumi no amma wanyɛ ahantan. Bere a agyapade ho asɛm bi sɔree no, wo de, hwɛ sɛnea odii ho dwuma. (Numeri 27:1-11) Ná asɛm no mu yɛ duru, efisɛ sɛnea wobebua asɛm no, ɛno ara na na nkyirimma nso de bɛyɛ adwuma.

Dɛn na na Mose bɛyɛ? Onyaa adwene sɛ ɔno na ɔda Israelfo ano, enti ɔno ara betumi asi asɛm no ho gyinae anaa? Nimdeɛ ne osuahu a na ɔwɔ, ne sɛnea na onim Yehowa no nti, ogyee ne ho dii anaa?

Sɛ ɔyɛ ahantan a, anka ɔbɛyɛ saa. Nanso Mose anyɛ saa. Bible ka sɛ: “Mose de wɔn asɛm no too Yehowa anim.” (Numeri 27:5) Wo de, dwen ho hwɛ; ná Mose adi Israelfo no anim mfe 40, nanso wanka sɛ ɔno ankasa betumi ayɛ biribiara, na mmom ɔde ne ho too Yehowa so. Eyi ma yehu sɛ na Mose yɛ ɔhobrɛasefo paa.

Ná Mose nyɛ ahoɔyaw, enti na ɛnhaw no sɛ nkurɔfo benya tumi a ɔwɔ no bi. Bere a Yehowa maa Israelfo bi yɛɛ adiyifo te sɛ Mose no, Mose ani gyee. (Numeri 11:24-29) Bere a Mose ase barima maa no adwene sɛ ɔmfa adwuma no bi nhyehyɛ afoforo nsa no, ɔbrɛɛ ne ho ase de n’afotu no yɛɛ adwuma. (Exodus 18:13-24) Mose nkwakoraabere mu no, na ne ho yɛ den de, nanso ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmpaw nea obedi n’ade. Bere a Yehowa yii Yosua no, Mose yii ne yam boaa aberante no, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma Yosua nni wɔn anim nkɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Numeri 27:15-18; Deuteronomium 31:3-6; 34:7) Ná ɛyɛ Mose fɛ sɛ obedi Israelfo no anim ama wɔasom Onyankopɔn, nanso wamma tumi a obedi no anhia no ansen ne nuanom yiyedi.

DƐN NA YESUA FI MU?

Sɛ tumi anaa ɔdom akyɛde bi na yɛwɔ a, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na amma yɛanyɛ ahomaso. Kae sɛ, sɛ Yehowa de yɛn bedi dwuma a, ennyina yɛn mmɔdenbɔ so, na mmom egyina yɛn ahobrɛase so. (1 Samuel 15:17) Sɛ yɛyɛ ahobrɛasefo a, yɛbɛyere yɛn ho de Bible afotu a edi so yi ayɛ adwuma: “Fa wo koma nyinaa to Yehowa so, na mfa wo ho ntweri w’ankasa ntease.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

Mose nhwɛso no san kyerɛ yɛn sɛ ɛnsɛ sɛ yɛma dibea anaa tumi ho hia yɛn dodoodo.

Sɛ yesuasua Mose ahobrɛase no a, yebenya so mfaso anaa? Ɔkwan biara so! Sɛ yenya ahobrɛase a edi mũ a, ɛremma yɛn asetena nyɛ den na ɛbɛma nkurɔfo atumi abɛn yɛn. Ne kɛse koraa ne sɛ ɛbɛma yɛabɛn Yehowa Nyankopɔn a ɔno nso brɛ ne ho ase no. (Dwom 18:35) “Onyankopɔn ne ahantanfo di asi, nanso ɔdom ahobrɛasefo.” (1 Petro 5:5) Eyi nyinaa kyerɛ sɛ, sɛ yesuasua Mose ahobrɛase no a, yɛnyɛɛ yɛn ho!